< Romafoɔ 12 >
1 Ɛno enti, anuanom, ɛsiane Onyankopɔn ahummɔborɔ enti, mehyɛ mo sɛ momfa mo onipadua mmɔ afɔdeɛ a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yei ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ mosɔ mu.
Je vous invite donc, mes frères, par les compassions de Dieu, à offrir vos personnes en sacrifice vivant, saint, agréable à Dieu: c'est là le culte spirituel que vous lui devez.
2 Monnyɛ mo ho sɛ ewiasefoɔ wɔ mo abrabɔ mu, na mmom, momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforɔ, na ɛnam so ama moahunu Onyankopɔn apɛdeɛ, deɛ ɛyɛ, deɛ ɛsɔ nʼani ne deɛ ɛwie pɛyɛ. (aiōn )
Ne vous modelez pas sur le siècle présent, mais qu'il se fasse en vous une métamorphose par le renouvellement de l'esprit, en sorte que vous appréciiez ce qu'est la volonté de Dieu, combien elle est bonne, agréable et parfaite. (aiōn )
3 Na ɛsiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no enti, meka mekyerɛ mo nyinaa sɛ, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ modwene, na mmom, monnwene mo ho ahobrɛaseɛ mu, na mo mu biara nnyina gyidie a Onyankopɔn de ama mo no so.
Je dis à chacun de vous, en vertu de la grâce qui m'a été donnée, de ne pas avoir une opinion trop avantageuse de soi-même, mais de s'appliquer à avoir des sentiments modestes, chacun selon la mesure de foi que Dieu lui a départie.
4 Sɛdeɛ yɛn mu biara wɔ onipadua a ɛho akwaa yɛ bebree no, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a ɛdi no,
Car, de même que dans un seul corps nous avons plusieurs membres, et que tous les membres n'ont pas la même fonction;
5 saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ onipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea.
de même, nous qui sommes plusieurs, nous ne faisons qu'un seul corps en Christ, et nous sommes tous membres les uns des autres.
6 Yɛwɔ akyɛdeɛ ahodoɔ sɛdeɛ wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛdeɛ yɛ nkɔmhyɛ a, ma ɔnnyina ne gyidie so mfa nyɛ adwuma.
Mais nous avons des dons différents suivant la grâce qui nous a été donnée: nous avons suivant l'analogie de la foi, soit la prophétie,
7 Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom; Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ;
soit le ministère dans le diaconat; nous avons aussi le docteur qui se livre à l'enseignement,
8 Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforɔ nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforɔ a, ma ɔmfiri akoma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamyɛ a, ma ɔmfa anigyeɛ nyɛ.
et celui qui exhorte, qui s'adonne à l'exhortation. Que celui qui donne, le fasse avec générosité; que celui qui préside, y mette du soin; que celui qui prend pitié, secoure avec joie.
9 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokorɛ turodoo. Monkyiri amumuyɛ. Mommata deɛ ɛyɛ ho.
Que votre charité soit sans hypocrisie. Haïssez le mal; attachez-vous fortement au bien.
10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho.
Quant à l'amour fraternel, soyez pleins d'affection les uns pour les autres; quant à l'honneur, prévenez-vous les uns les autres;
11 Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hye wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛ nsom Awurade.
quant au zèle, ne soyez pas nonchalants. Soyez fervents d'esprit; servez le Seigneur.
12 Monnya anidasoɔ mu anigyeɛ, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidie mmɔ mpaeɛ.
Que l'espérance vous rende joyeux; soyez patients dans l'affliction, persévérants dans la prière.
13 Mone Onyankopɔn nkurɔfoɔ a ahia wɔn no nkyɛ deɛ mo wɔ. Mommɔ ahɔhosom ho mmɔden.
Subvenez aux besoins des saints; exercez l'hospitalité avec empressement.
14 Monhyira wɔn a wɔtaa mo no; Monhyira wɔn na monnnome wɔn.
Bénissez ceux qui vous persécutent: bénissez, et ne maudissez pas.
15 Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.
Réjouissez-vous avec ceux qui sont dans la joie; pleurez avec ceux qui pleurent.
16 Mo ne afoforɔ ntena asomdwoeɛ mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfoɔ. Mommmu mo ho anyansafoɔ.
Soyez en bonne intelligence les uns avec les autres. N'aspirez pas aux choses élevées, mais laissez-vous gagner par ce qui est humble. N'ayez pas une haute opinion de vous-mêmes.
17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ deɛ ɛbɛma nnipa de anidie ama mo.
Ne rendez à personne le mal pour le mal. Ayez soin de faire ce qui est bien aux yeux de tous les hommes.
18 Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne obiara ntena asomdwoeɛ mu.
S'il est possible, et autant qu'il dépend de vous, vivez en paix avec tout le monde.
19 Monntɔ wereɛ me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuo ho ɛkwan ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ, “Me na aweretɔ wɔ me, mɛtua ka,” Awurade na ɔseɛ.
Ne vous vengez point vous-mêmes, mes bien-aimés, mais laissez agir la colère de Dieu; car il est écrit: «A moi la vengeance; à moi de rétribuer, » dit le Seigneur.»
20 Enti, “Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni; sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa gyasramma ano gu nʼatifi.”
Si ton ennemi a faim, donne-lui à manger; s'il a soif, donne-lui à boire; car en agissant de la sorte tu amasseras des charbons de feu sur sa tête.»
21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.
Ne te laisse point vaincre par le mal, mais surmonte le mal par le bien.