< Romafoɔ 11 >
1 Afei, mebisa sɛ Onyankopɔn ato ne ɔman atwene anaa? Dabi. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mefiri Benyamin abusua mu.
Afei mibisa se, Onyankopɔn atow ne man akyene ana? Dabi da. Mʼankasa meyɛ Israelni na meyɛ Abraham aseni a mifi Benyamin abusua mu.
2 Onyankopɔn ampo ne nkurɔfoɔ a ɔyii wɔn ahyɛaseɛ no. Monim deɛ Atwerɛsɛm no ka fa Elia sɛdeɛ ɔkasa tiaa Israelfoɔ wɔ Onyankopɔn anim sɛ,
Onyankopɔn ampo ne nkurɔfo a oyii wɔn mfiase no. Munim nea Kyerɛwsɛm no ka fa Elia ho sɛnea ɔkasa tiaa Israelfo wɔ Onyankopɔn anim se,
3 “Awurade, wɔakum wʼadiyifoɔ na wɔadwiri wʼafɔrebukyia, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wɔkum me.”
“Awurade, wɔakum wʼadiyifo na wɔadwiriw wʼafɔremuka, na me nko na maka a wɔpɛ sɛ wokum me.”
4 Mmuaeɛ bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kaa sɛ, “Mewɔ nnipa mpemnson a wɔnsom ɔbosom Baal.”
Mmuae bɛn na Onyankopɔn de maa no? Onyankopɔn kae se, “Mewɔ nnipa mpem ason a wɔnsom ɔbosom Baal.”
5 Saa ara nso na ɛte ɛnnɛ. Nnipa kakra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn.
Saa ara nso na ɛte nnɛ. Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a Onyankopɔn nam ne dom so ayi wɔn.
6 Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a ɔyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛnneɛ na adom no nyɛ adom turodoo.
Yi a wayi wɔn no gyina nʼadom so na ɛnyɛ wɔn nnwuma so. Na sɛ Onyankopɔn yi a oyi nnipa no gyina wɔn nnwuma so a, ɛno de na adom no nyɛ adom turodoo.
7 Ɛnneɛ na ɛne ɛdeɛn? Deɛ Israelfoɔ tii akyire hwehwɛeɛ no, wɔn nsa anka, na mmom, kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no deɛ, wɔn nsa kaeɛ. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn akoma
Ɛno de na ɛne dɛn? Nea Israelfo tiw akyi hwehwɛe no, wɔn nsa anka, na mmom kakraa a Onyankopɔn ayi wɔn no de, wɔn nsa kae. Wɔn a wɔaka no pirim wɔn koma
8 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ tebɔɔ, ani a ɛmma wɔnhunu adeɛ aso a ɛmma wɔnnte asɛm, de bɛsi ɛnnɛ.”
sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn maa wɔn honhom a ɛyɛ bɔtee, ani a ɛmma wonhu ade aso a ɛmma wɔnte asɛm, de besi nnɛ.”
9 Na Dawid ka sɛ, “Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
Na Dawid ka se, “Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri na wɔnhwehwe ase na wɔntwe wɔn aso!
10 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ; na wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.”
Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade; na wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.”
11 Afei, mebisa sɛ, ɛberɛ a Yudafoɔ yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛeɛ mu anaa? Dabi! Amanamanmufoɔ nam Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no so nyaa nkwagyeɛ. Yei maa Yudafoɔ no twee wɔn so ninkunu.
Afei mibisa se, bere a Yudafo yɛɛ bɔne no, ɛde wɔn kɔɔ ɔsɛe mu ana? Dabi! Amanamanmufo nam Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no so nyaa nkwagye. Eyi maa Yudafo no twee wɔn ho ninkunu.
12 Yudafoɔ no bɔne a wɔyɛeɛ no de nnepa brɛɛ ewiase na wɔn honhom mu hia a wɔdiiɛ no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufoɔ. Na ɛba sɛ Yudafoɔ no mu bebree bɛka wɔn ho a, nhyira mmorosoɔ bɛn na ɛremma?
Yudafo no bɔne a wɔyɛɛ no de nnepa brɛɛ wiase na wɔn honhom mu hia a wodii no nso de ahonya brɛɛ amanamanmufo. Na ɛba sɛ Yudafo no mu bebree bɛka wɔn ho a nhyira mmoroso bɛn na ɛremma?
13 Afei, merekasa akyerɛ mo amanamanmufoɔ: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufoɔ somafoɔ enti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho.
Afei merekasa akyerɛ mo amanamanmufo: Esiane sɛ meyɛ amanamanmufo ɔsomafo nti, mehoahoa me ho wɔ adwuma a wɔde ahyɛ me nsa no ho.
14 Sɛ ɛbɛtumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafoɔ no kɔn adɔ deɛ mo amanamanmufoɔ nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa.
Sɛ ebetumi a, mɛma wɔn a wɔyɛ me nuanom Yudafo no kɔn adɔ nea mo amanamanmufo nsa aka yi bi, na wɔnam so agye wɔn mu bi nkwa.
15 Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne ewiasefoɔ aka abom a, ɛnneɛ, gye a Onyankopɔn bɛgye wɔn no de ɛdeɛn na ɛbɛba? Ɛde nkwa bɛbrɛ awufoɔ.
Na sɛ wɔn po a wɔpoo wɔn no ama Onyankopɔn ne wiasefo aka abɔ mu a, ɛno de sɛ Onyankopɔn twe wɔn bata ne ho a ɛbɛyɛ dɛn? Ɛbɛyɛ nkwa ama awufo.
16 Sɛ wɔde burodo sin ma Onyankopɔn a, ɛnneɛ na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.
Sɛ wɔde brodo sin ma Onyankopɔn a, ɛno de, na ne mu nyinaa yɛ ne dea. Saa ara nso na sɛ dua no ntin yɛ kronkron a, ne mman no nyinaa nso yɛ kronkron.
17 Wɔapempan ngo dua a wɔahyɛda adua no mman no bi agu, na wɔde ngo dua a wɔanhyɛda annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufoɔ no te sɛ ngo dua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei deɛ, mo ne Yudafoɔ no nyinaa anya Onyankopɔn adom a wɔde adom wɔn no bi.
Wɔapenpan ngodua a wɔahyɛ da adua no mman no bi agu, na wɔde ngodua a wɔanhyɛ da annua no mman abɛhyɛ nʼanan mu. Mo amanamanmufo no te sɛ ngodua a wɔanhyɛ da annua, nanso afei de, mo ne Yudafo no nyinaa nya Onyankopɔn dom a wɔde adom wɔn no pɛ.
18 Nanso monhwɛ yie na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapempan no ananmu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ nhini.
Nanso monhwɛ yiye na moanhoahoa mo ho sɛ wɔde mo asi mman a wɔapenpan no anan mu. Monkae sɛ moyɛ mman kɛkɛ, na monyɛ ntin.
19 Na mobɛka sɛ, “Ɛyɛ, wɔbubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn ananmu.”
Na mobɛka se, “Eye, wobubuu mman no sɛ wɔmfa me nsi wɔn anan mu.”
20 Aane, nanso monkae sɛ wɔpempan saa mman a ɛyɛ Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mogye di enti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom monsuro deɛ ɛbɛtumi asie.
Yiw, nanso monkae sɛ wɔpenpan saa mman a ɛyɛ Yudafo no, efisɛ wɔannye Onyankopɔn anni, na mugye di nti na mowɔ hɔ. Mommma mo ho so, na mmom munsuro nea ebetumi asi.
21 Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafoɔ a wɔte sɛ ngo dua pa mman no bɔne ankyɛre wɔn a, mosusu sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo?
Na sɛ Onyankopɔn amfa Yudafo a wɔte sɛ ngodua pa mman no bɔne ankyɛ wɔn a, mususuw sɛ ɔde mo bɔne bɛkyɛ mo ana?
22 Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam yɛ ma mo wɔ ɛberɛ a mode mo ho ato nʼayamyɛ so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpempan mo.
Enti monhwɛ Onyankopɔn ayamye ne ne denyɛ. Ɔyɛ den wɔ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no so, nanso ne yam ye ma mo wɔ bere a mode mo ho ato nʼayamye so. Na sɛ moamfa mo ho anto no so a, saa ara na wɔbɛpenpan mo.
23 Na sɛ Yudafoɔ no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsane de wɔn ayɛ dua no mman bio. Ɔbɛtumi ayɛ saa.
Na sɛ Yudafo no gye di bio a, Onyankopɔn bɛsan de wɔn ayɛ dua no mman bio. Obetumi ayɛ saa.
24 Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wiram ngo dua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho, deɛ anka ɛmfa kwan mu a, ɛnneɛ ɔbɛpɛ no mmorosoɔ sɛ ɔde Yudafoɔ no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa dea no ho.
Na sɛ Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔde mo a moyɛ wuram ngodua mman bɛfam dua papa a ɔno ankasa adua ho de, anka ɛmfa ɔkwan mu a, ɛno de, ɔbɛpɛ no mmoroso sɛ ɔde Yudafo no bɛfam dua a ɛyɛ wɔn ankasa de no ho.
25 Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote aseɛ, sɛdeɛ monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafoɔ no mu bi apirim wɔn akoma, nanso sɛ amanamanmufoɔ no nyinaa dane ba Kristo nkyɛn a, ɛtoɔ bɛtwa.
Me nuanom, ahintasɛm bi wɔ hɔ a mepɛ sɛ mote ase, sɛnea monnyɛ ahantan na monhoahoa mo ho. Yudafo no mu bi apirim wɔn koma, nanso sɛ amanamanmufo no nyinaa dan ba Kristo nkyɛn a ɛto betwa.
26 Enti Israelfoɔ nyinaa bɛnya nkwagyeɛ. Mokae deɛ adiyifoɔ no kaa wɔ yei ho? “Agyenkwa no bɛfiri Sion aba, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu.
Enti Israelfo nyinaa benya nkwagye. Mokae nea adiyifo no kaa wɔ eyi ho? “Agyenkwa no befi Sion aba, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu.
27 Na mɛdi apam a me ne wɔn ayɛ no so na mapepa wɔn bɔne.”
Na medi apam a mene wɔn ayɛ no so na mapepa wɔn bɔne.”
28 Yudafoɔ no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfoɔ. Na mo, amanamanmufoɔ anya ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de nʼakyɛdeɛ no ama mo. Nanso, Yudafoɔ yɛ ne ɔman a wapa wɔn ara, ɛsiane ɛbɔ a wahyɛ wɔn nananom enti,
Yudafo no bebree ayɛ Asɛmpa no atamfo. Na mo, amanamanmufo anya so mfaso, efisɛ Onyankopɔn de nʼakyɛde no ama mo. Nanso Yudafo yɛ ne man a wapaw wɔn ara, esiane bɔ a wahyɛ wɔn nenanom nti,
29 ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ no, wɔnsesa.
efisɛ wɔrennan Onyankopɔn akyɛde ne ne frɛ no ani.
30 Na mo amanamanmufoɔ deɛ, ɛberɛ a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafoɔ no poo nʼahummɔborɔ no enti Onyankopɔn hunuu mo mmɔbɔ mmom.
Na mo amanamanmufo de, bere a atwam no mu, moyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn, nanso Yudafo no poo nʼahummɔbɔ no nti Onyankopɔn huu mo mmɔbɔ mmom.
31 Saa ara nso na ɛsiane adom a moanya no enti, seesei, Yudafoɔ no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyire no wɔn nso bɛnya Onyankopɔn adom no.
Saa ara nso na esiane adom a moanya no nti, mprempren, Yudafo no nso ayɛ asoɔden atia Onyankopɔn. Nanso nna bi akyi no wɔn nso benya Onyankopɔn adom no.
32 Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛdeɛ ɔbɛyɛ adom ama obiara. (eleēsē )
Onyankopɔn aka nnipa nyinaa ahyɛ wɔn asoɔden ase sɛnea ɔbɛyɛ adom ama obiara. (eleēsē )
33 Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Hwan na ɔbɛtumi ahunu nʼatemmuo mu pɛɛpɛeɛ, na wɔahunu deɛ nʼakwan nenam.
Ao Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a mu dɔ! Hena na obetumi ahu nʼatemmu mu pɛɛpɛe, na wahu nea nʼakwan nenam.
34 “Hwan na ɔnim Awurade adwene anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”
“Hena na onim Awurade adwene anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?”
35 “Hwan na wama Onyankopɔn biribi kane a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”
“Hena na wama Onyankopɔn biribi kan a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn tua no so ka?”
36 Ɛfiri sɛ, adeɛ nyinaa firi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsane akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na animuonyam wɔ no daa daa. Amen. (aiōn )
Efisɛ ade nyinaa fi ne mu na ɛba, na ɛnam ne so na ɛba, na ɛbɛsan akɔ ne nkyɛn bio. Ɔno na anuonyam wɔ no daa daa. Amen. (aiōn )