< Romafoɔ 10 >
1 Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ.
弟兄們! 我心裏所懷的切望,向天主所懇求的,就是為使我的同胞獲得救恩。
2 Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu.
我可以為他們作證:他們對天主有慹心,但不合乎真知超見,
3 Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase.
因為他們不認識由天主而來的正義,企圖建立自己的正義,而不順從天主的正義:
4 Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni.
因為法律的終向是基督,使凡信祂的人獲得正義。
5 Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.”
關於出自法律的正義,梅瑟曾寫過:『遵守法律的人,必因法律而生活。』
6 Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?”
但是,出自信仰的正義卻這樣說:『你心裏不要說:誰能升到天上去?』意思是說:使基督從那裡下來;
7 Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? (Abyssos )
也不要說:『誰能下到深淵裏去?』意思是說:把基督從死者中領上來。 (Abyssos )
8 Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no.
正義到底說了什麼?她說:『天主的話離你很近,就在你的口裏,就在你的心中。』這就是指我們關於信仰的宣講。
9 Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.
如果你口裏承認耶穌為主,心裏相信天主使祂從死者中復活起來了,你便可獲得救恩,
10 Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ.
因為心裏相信,可使人成義;口裏承認,可使人獲得救恩。
11 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.”
經上又說:『凡相信祂的人,不致蒙羞。』
12 Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no.
其實,並沒有猶太與希臘人的區別,因為眾人都有同一的主,祂對一切呼號祂的人都是富有慈惠的。
13 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.”
的確,『凡呼號上主名號的人,必然獲救。』
14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn.
但是人若不信祂,又怎能呼號祂呢?從未聽到祂,又怎能信祂呢?沒有宣講者,又怎能聽到呢?
15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.”
若沒有奉派遣,怎能去宣講呢?正如所記載的:『傳佈福音者的腳步是多麼美麗啊! 』
16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?”
然而並不是所有的人都服從了福音。依撒意亞曾說過:『上主,有誰相信了我們的報道呢?』
17 Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu.
所以信仰是出於報道,報道是出於基督的命令。
18 Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ: “Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.”
但我要問:難道他們沒有聽過嗎?一定聽過了。『他們的聲音傳遍普世,他們的言語達於地極。』
19 Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ, “Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu. Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.”
但是我再問:難道以色列人不明白嗎?首先梅瑟說過:『我以那不成子民的人,激起你們的妒火;以愚昧的民族,惹起你們的怒氣。』
20 Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ, “Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me; medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.”
繼而依撒意亞也放膽說:『未曾尋找我的人,找到了我;對未曾訪問我的人,我顯現了。』
21 Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ, “Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”
但是關於以色列人卻說:『我整天向悖逆違抗的民族,伸出我的手。』