< Adiyisɛm 9 >

1 Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so enum no hyɛnee ne totorobɛnto. Mehunuu nsoromma a wate firi soro abɛhwe asase so. Wɔmaa no ebunu a ase nni awieeɛ safoa. (Abyssos g12)
I zatrąbił piąty anioł, i zobaczyłem gwiazdę, która spadła z nieba na ziemię i dano jej klucz do studni otchłani. (Abyssos g12)
2 Nsoromma no buee ebunu no, na wisie kumɔnn firii mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wisie no maa owia hann ne mframa a ɛwɔ hɔ no yɛɛ tumm. (Abyssos g12)
I otworzyła studnię otchłani, i wzbił się dym ze studni, jakby dym wielkiego pieca, a słońce i powietrze zaćmiły się od dymu studni. (Abyssos g12)
3 Mmoadabi firii wisie no mu baa asase so, na wɔmaa wɔn tumi sɛ anyanyankyerɛ.
A z dymu wyszła szarańcza na ziemię i dano jej moc, jaką mają skorpiony ziemskie.
4 Wɔama wɔn ansɛe ɛserɛ anaa nnua anaa afifideɛ biara, na mmom, nnipa a Onyankopɔn nsɔano no bi nni wɔn moma so no deɛ, wɔmaa wɔn twee wɔn aso.
I powiedziano jej, żeby nie wyrządzała szkody trawie na ziemi ani niczemu zielonemu, ani żadnemu drzewu, lecz tylko samym ludziom, którzy nie mają pieczęci Boga na czołach.
5 Wɔamma saa mmoadabi no ɛkwan sɛ wɔnkunkum saa nnipa yi. Na mmom, wɔmaa wɔn ɛkwan sɛ wɔnha wɔn abosome enum. Wɔka wɔn a, wɔn ano yea no te sɛ nyanyankyerɛ deɛ.
I dano jej nakaz, aby ich nie zabijały, lecz dręczyły przez pięć miesięcy. A ich cierpienia [były] jak cierpienia zadane przez skorpiona, gdy ukąsi człowieka.
6 Saa abosome enum no mu no, saa nnipa no bɛpere owuo, nanso wɔrennya. Wɔbɛpɛ sɛ wɔwu, nanso owuo bɛdwane afiri wɔn nkyɛn.
I w owe dni ludzie będą szukać śmierci, lecz jej nie znajdą, i będą chcieli umrzeć, ale śmierć od nich ucieknie.
7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim.
A szarańcza z wyglądu była podobna do koni przygotowanych do boju, na ich głowach jakby korony podobne do złota, a ich twarze jakby twarze ludzkie.
8 Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se.
I miały włosy jakby włosy kobiece, a ich zęby były jak u lwów.
9 Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko.
Miały też pancerze jakby z żelaza, a szum ich skrzydeł jakby odgłos wielokonnych rydwanów pędzących do boju.
10 Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no.
I miały ogony podobne do skorpionów, a żądła były w ich ogonach. I [dano] im moc wyrządzania ludziom szkody przez pięć miesięcy.
11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.” (Abyssos g12)
Mają nad sobą króla, anioła otchłani, którego imię po hebrajsku brzmi Abaddon, a po grecku Apollyon. (Abyssos g12)
12 Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.
Jedno „biada” minęło, a oto jeszcze dwa „biada” potem nadchodzą.
13 Afei ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia no hyɛnee ne totorobɛnto. Metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a ɛsi Onyankopɔn anim no ntweaso nyinaa.
I zatrąbił szósty anioł, i usłyszałem jeden głos od czterech rogów złotego ołtarza, który jest przed Bogiem;
14 Nne no ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nsia a ɔkura totorobɛnto no sɛ, “Sanesane abɔfoɔ baanan a wɔasesa wɔn, Asubɔnten Eufrate ho no.”
Mówiący do szóstego anioła, który miał trąbę: Uwolnij czterech aniołów związanych nad wielką rzeką Eufrat.
15 Wɔsanesanee abɔfoɔ baanan no. Wɔasiesie wɔn ama saa dɔnhwereɛ yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afeɛ yi sɛ wɔnkunkum adasamma mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
I zostali uwolnieni czterej aniołowie, przygotowani na godzinę, na dzień, na miesiąc i na rok, aby zabić trzecią część ludzi.
16 Wɔdii akodɔm ɔpepem ahanu anim. Wɔbɔɔ wɔn dodoɔ no ho amaneɛ maa meteeɛ.
A liczba wojsk konnych [wynosiła] dwieście milionów, bo usłyszałem ich liczbę.
17 Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom.
I tak zobaczyłem w widzeniu konie i tych, którzy na nich siedzieli, mających pancerze [barwy] ognia, hiacyntu i siarki. A głowy koni były jak głowy lwów, a z ich pysków wychodził ogień, dym i siarka.
18 Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.
A od tych trzech [plag] została zabita trzecia część ludzi, od ognia, dymu i siarki, które wychodziły z ich pysków.
19 Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
Moc bowiem tych koni jest w ich pyskach i w ogonach, bo ich ogony są podobne do węży, które mają głowy i nimi wyrządzają szkody.
20 Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som.
A pozostali ludzie, którzy nie zostali zabici przez te plagi, nie pokutowali od uczynków swoich rąk, tak by nie oddawać pokłonu demonom i bożkom złotym, srebrnym, miedzianym, kamiennym i drewnianym, które nie mogą ani widzieć, ani słyszeć, ani chodzić.
21 Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.
I nie pokutowali od swoich morderstw ani od swoich czarów, ani od swego nierządu, ani od swoich kradzieży.

< Adiyisɛm 9 >