< Adiyisɛm 8 >
1 Ɛberɛ a Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nson no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwereɛ fa.
Երբ բացաւ եօթներորդ կնիքը, լռութիւն եղաւ երկինքը՝ կէս ժամու չափ:
2 Afei mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.
Ու տեսայ այն եօթը հրեշտակները՝ որ կայնած էին Աստուծոյ առջեւ. եօթը փողեր տրուեցան անոնց:
3 Ɔbɔfoɔ foforɔ a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhwam adaka bɛgyinaa afɔrebukyia no ho. Wɔmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Onyankopɔn nkurɔfoɔ no deɛ ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a ɛsi ahennwa no anim no so afɔdeɛ.
Ուրիշ հրեշտակ մը եկաւ եւ կայնեցաւ զոհասեղանին առջեւ. ան ունէր ոսկիէ խնկանոց մը, ու շատ խունկ տրուեցաւ իրեն, որպէսզի ընծայէ բոլոր սուրբերուն աղօթքներուն հետ՝ գահին առջեւ եղող ոսկիէ զոհասեղանին վրայ:
4 Aduhwam no hwa ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ mpaeɛ firi abɔfoɔ no nsam kɔɔ soro.
Եւ խունկերուն ծուխը՝ սուրբերուն աղօթքներուն հետ՝ հրեշտակին ձեռքէն բարձրացաւ Աստուծոյ առջեւ:
5 Afei, ɔbɔfoɔ no faa aduhwam adaka no de ogya a ɛfiri afɔrebukyia no so hyɛɛ no ma, to twenee asase so. Na aprannaa ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ baeɛ.
Ապա հրեշտակը առաւ խնկանոցը, լեցուց զայն զոհասեղանին կրակէն, ու նետեց երկրի վրայ. եւ ձայներ, որոտումներ, փայլակներ ու երկրաշարժ եղան:
6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ntotorobɛnto nson no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛne.
Եւ եօթը հրեշտակները, որ ունէին եօթը փողերը, պատրաստուեցան հնչեցնելու զանոնք:
7 Ɔbɔfoɔ a ɔdi ɛkan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na asukɔtweaa ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyɛmu mmiɛnsa mu baako hyeeɛ, ɛnna wira mono nyinaa nso hyeeɛ.
Առաջին հրեշտակը հնչեցուց փողը, եւ արիւնով խառնուած կարկուտ ու կրակ եղաւ եւ նետուեցաւ երկրի վրայ. (երկրի մէկ երրորդը այրեցաւ, ) ծառերուն մէկ երրորդը այրեցաւ, ու ամէն կանաչ խոտ այրեցաւ:
8 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu no hyɛnee ne totorobɛnto. Wɔtoo biribi a ɛte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɛrederɛ twenee ɛpo mu. Ɛpo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako danee mogya.
Երկրորդ հրեշտակը հնչեցուց փողը, եւ հրավառ մեծ լերան պէս բան մը նետուեցաւ ծովը. ծովուն մէկ երրորդը արիւն եղաւ,
9 Na abɔdeɛ a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bobɔeɛ.
ծովուն մէջ ապրող արարածներուն մէկ երրորդը մեռաւ, ու նաւերուն մէկ երրորդը փճացաւ:
10 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa hyɛnee ne totorobɛnto. Nsoromma kɛseɛ bi a ɛrederɛ sɛ egyatɛn te firi soro bɛhwee nsuo nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mu.
Երրորդ հրեշտակը հնչեցուց փողը, ու երկինքէն մեծ աստղ մը ինկաւ՝ ջահի պէս վառելով. ան ինկաւ գետերուն մէկ երրորդին եւ ջուրերու աղբիւրներուն վրայ:
11 Nsoromma no din de “Ɔnwono”. Nsuo no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a wɔnomeeɛ no mu bebree wuwuiɛ ɛfiri sɛ, na ayɛ nwono.
Այդ աստղին անունը Օշինդր էր, ու ջուրերուն մէկ երրորդը օշինդր եղաւ, եւ շատ մարդիկ մեռան ջուրերէն՝ քանի որ դառնացած էին:
12 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nan no hyɛnee ne totorobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, ne ɔsrane nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako ne nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako seneeɛ maa no duduruu sum, enti adekyeeɛ mu nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
Չորրորդ հրեշտակը հնչեցուց փողը, ու արեւին մէկ երրորդը զարնուեցաւ, նաեւ լուսինին մէկ երրորդը եւ աստղերուն մէկ երրորդը. հետեւաբար անոնց մէկ երրորդը խաւարեցաւ, օրուան մէկ երրորդը չլուսաւորուեցաւ, նմանապէս՝ գիշերուան:
13 Na mehwɛeɛ na metee sɛ ɔkɔdeɛ bi a watu nam soro soro teaam sɛ, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wɔnnue, wɔnnue ɛsiane totorobɛnto a aka a abɔfoɔ baasa no rebɛhyɛn no enti.”
Տեսայ, ու լսեցի երկինքի մէջտեղէն թռչող հրեշտակ մը՝ որ բարձրաձայն կ՚ըսէր. «Վա՜յ, վա՜յ, վա՜յ երկրի բնակիչներուն՝ այն միւս փողի ձայներուն համար, որ երեք հրեշտակները պիտի հնչեցնեն»: