< Adiyisɛm 7 >

1 Yei akyi no, mehunuu abɔfoɔ baanan sɛ, wɔgyinagyina asase ntweaa nan no so a wɔretwe mframa nan a ɛwɔ asase so no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mframa biara remmɔ wɔ asase ne ɛpo so ne baabiara.
In po tem sem videl štiri angele stoječe na četverih voglih zemlje, držeč četvere vetrove zemlje, da ne veje veter po zemlji, ne po morji, ne po nobenem drevesu.
2 Ɛnna mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔfiri apueeɛ reba a ɔkura Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔano. Ɔteaam frɛɛ abɔfoɔ baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no.
In videl sem druzega angela vzhajajočega od solnčnega vzhoda, imajočega pečat Boga živega; in zavpil je z glasom velikim četverim angelom, katerim je bilo dano kaziti zemljo in morje, govoreč:
3 Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kɔsi sɛ yɛde nsɔano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfoɔ no agyiraeɛ.”
Ne kazite zemlje, ne morja, ne dreves, dokler ne zapečatimo hlapcev Boga našega na čelih njihovih.
4 Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔano hyɛɛ wɔn agyiraeɛ wɔ wɔn moma so no dodoɔ. Wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔpeha aduanan ɛnan, a wɔn nyinaa firi Israel mmusuakuo no mu.
In čul sem število zapečatenih: sto in štiri in štirideset tisoč zapečatenih iz vseh rodov sinov Izraelovih:
5 Yuda abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Ruben abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Gad abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
Iz rodú Judovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Rubenovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Gadovega dvanajst tisoč zapečatenih.
6 Aser abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Naftali abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Manase abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
Iz rodú Azerovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Neftalejmovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Manasejevega dvanajst tisoč zapečatenih;
7 Simeon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Lewi abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Isakar abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
Iz rodú Simeonovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Levijevega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Isaharjevega dvanajst tisoč zapečatenih;
8 Sebulon abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Yosef abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu. Benyamin abusuakuo mu nnipa a wɔsɔɔ wɔn ano si mpem dumienu.
Iz rodú Zabulonovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Jožefovega dvanajst tisoč zapečatenih; iz rodú Benjaminovega dvanajst tisoč zapečatenih.
9 Yei akyi no, mehunuu nnipakuo a obiara ntumi nkan wɔn dodoɔ. Wɔfifiri aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu a wɔgyinagyina ahennwa no ne Odwammaa no anim a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa, kurakura berɛ.
Potem sem videl, in glej: druhal velika, katere sešteti nihče ni mogel, iz vseh narodov in rodov in ljudstev in jezikov, stoječi pred prestolom in pred jagnjetom, oblečeni z belimi oblačili, in palme v njih rokah;
10 Wɔteaam sɛ, “Yɛn nkwagyeɛ firi yɛn Onyankopɔn a ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no.”
In vpijoči z glasom velikim, rekoč: Zveličanje Bogu našemu sedečemu na prestolu in jagnjetu!
11 Na abɔfoɔ no atwa ahennwa no ne mpanimfoɔ no ne ateasefoɔ baanan no ho ahyia. Afei wɔbutubutuu ahennwa no anim, somm Onyankopɔn
In vsi angeli so stali okrog prestola in starejšin in četverih živali in padli so pred prestolom na obličje svoje in molili so Boga, rekoč:
12 kaa sɛ, “Amen! Nhyira ne animuonyam ne nyansa ne aseda ne anidie ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn dea daa daa. Amen!” (aiōn g165)
Amen! Hvala in slava in modrost in zahvala in čast in moč in krepost Bogu našemu na vekov veke! Amen. (aiōn g165)
13 Mpanimfoɔ no mu baako bisaa me sɛ, “Ɛhefoɔ na wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa yi, na wɔfiri he?”
In odgovoril je eden izmed starejšin rekoč mi: Ti, oblečeni z oblačili belimi, kdo so, in odkod so prišli?
14 Mebuaa sɛ, “Mennim, owura. Na wo na wonim.” Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yeinom ne wɔn a wɔafiri ɔtaa mu. Wɔde Odwammaa no mogya ahoro wɔn ntadeɛ ama ayɛ fitaa.
In rekel sem mu: Gospod, ti veš. In reče mi: Ti so oni, ki gredó iz stiske vélike in oprali so oblačila svoja in pobelili oblačila svoja v krvi jagnjetovi.
15 Na ɛno enti na, “wɔgyina Onyankopɔn ahennwa anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Deɛ ɔbɛtena ahennwa no so no bɛbɔ wɔn ho ban.
Zato so pred prestolom Božjim in strežejo mu noč in dan v svetišči njegovem. In sedeči na prestolu bode prebival nad njimi.
16 Sukɔm renne wɔn bio; ɛkɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio.
Lačni ne bodo več, ne žejni več, in nanje ne pade solnce, ne vročina nobena;
17 Ɛfiri sɛ, Odwammaa no a ɔwɔ ahennwa no mfimfini no bɛyɛ wɔn dwanhwɛfoɔ de wɔn akɔ nkwa asutire ho. Na Onyankopɔn bɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa.”
Kajti jagnje na sredi prestola bode jih paslo in vodilo jih do živih studencev vodâ; in obrisal bode Bog vsako solzo z njih oči.

< Adiyisɛm 7 >