< Adiyisɛm 6 >

1 Afei, mehunuu sɛ Odwammaa no ate nsɔano nson no mu deɛ ɛdi ɛkan ano, na metee sɛ ateasefoɔ baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka sɛ, “Bra!”
내가 보매 어린 양이 일곱 인 중에 하나를 떼시는 그 때에 내가 들으니 네 생물 중에 하나가 우뢰 소리같이 말하되 `오라' 하기로
2 Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛ. Ɔkɔeɛ sɛ nkonimdifoɔ kɔdii nkonim.
내가 이에 보니 흰 말이 있는데 그 탄 자가 활을 가졌고 면류관을 받고 나가서 이기고 또 이기려고 하더라
3 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmienu no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmienu no reka sɛ, “Bra!”
둘째 인을 떼실 때에 내가 들으니 둘째 생물이 말하되 `오라' 하더니
4 Ɔpɔnkɔ foforɔ a ɔyɛ kɔkɔɔ baeɛ. Wɔmaa deɛ ɔte ne so no tumi sɛ ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no akofena kɛseɛ bi.
이에 붉은 다른 말이 나오더라 그 탄 자가 허락을 받아 땅에서 화평을 제하여 버리며 서로 죽이게 하고 또 큰 칼을 받았더라
5 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so mmiɛnsa no ano, na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa no reka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na mehunuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafoɔ no kura nsania mmienu.
세째 인을 떼실 때에 내가 들으니 세째 생물이 말하되 `오라' 하기로 내가 보니 검은 말이 나오는데 그 탄 자가 손에 저울을 가졌더라
6 Metee biribi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Ayuo susukora yɛ ɛda koro akatua, ɛnna aburoo susukora mmiɛnsa nso yɛ ɛda koro akatua. Nanso, nsɛe nsrango no ne bobesa no!”
내가 네 생물 사이로서 나는 듯하는 음성을 들으니 가로되 `한 데나리온에 밀 한 되요 한 데나리온에 보리 석 되로다 또 감람유와 포도주는 해치 말라' 하더라
7 Afei, Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nan no ano na metee sɛ ɔteasefoɔ a ɔtɔ so nan no reka sɛ, “Bra!”
네째 인을 떼실 때에 내가 네째 생물의 음성을 들으니 가로되 `오라' 하기로
8 Mehwɛeɛ na mehunuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefoɔ no din “Owuo”, na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu nan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, yadeɛ ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn. (Hadēs g86)
내가 보매 청황색 말이 나오는데 그 탄 자의 이름은 사망이니 음부가 그 뒤를 따르더라 저희가 땅 사분 일의 권세를 얻어 검과 흉년과 사망과 땅의 짐승으로써 죽이더라 (Hadēs g86)
9 Afei Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so enum no ano. Mehunuu afɔrebukyia bi, na aseɛ na wɔn a wɔkumm wɔn wɔ asɛnka no ho na wɔde gyidie dii adanseɛ no akra wɔ.
다섯째 인을 떼실 때에 내가 보니 하나님의 말씀과 저희의 가진 증거를 인하여 죽임을 당한 영혼들이 제단 아래 있어
10 Wɔde nne a ano yɛ den kaa sɛ, “Otumfoɔ Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ! Woretwɛn akɔsi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wɔkunkum yɛn?”
큰 소리로 불러 가로되 `거룩하고 참되신 대주재여 땅에 거하는 자들을 심판하여 우리 피를 신원하여 주지 아니하시기를 어느 때까지 하시려나이까' 하니
11 Wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwɛn kakra kɔsi sɛ wɔbɛkum wɔn nuanom asomfoɔ abɛka wɔn ho.
각각 저희에게 흰 두루마기를 주시며 가라사대 `아직 잠시 동안 쉬되 저희 동무 종들과 형제들도 자기처럼 죽임을 받아 그 수가 차기까지 하라' 하시더라
12 Na mehunuu sɛ Odwammaa no tee nsɔano a ɛtɔ so nsia no ano. Na asasewosoɔ a ano yɛ den baeɛ maa owia yɛɛ tumm sɛ ayitoma, na ɔsrane yɛɛ kɔɔ sɛ mogya.
내가 보니 여섯째 인을 떼실 때에 큰 지진이 나며 해가 총담같이 검어지고 온 달이 피같이 되며
13 Na nsoromma tete firii soro bɛhwee asase so te sɛ deɛ mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bunu ma ɛtete gu fam pɛ.
하늘의 별들이 무화과 나무가 대풍에 흔들려 선 과실이 떨어지는 것같이 땅에 떨어지며
14 Ɔsoro yeraeɛ te sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ firii wɔn atenaeɛ.
하늘은 종이축이 말리는 것같이 떠나가고 각 산과 섬이 제 자리에서 옮기우매
15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodan ne mmepɔ mu abotan mu.
땅의 임금들과 왕족들과 장군들과 부자들과 강한 자들과 각 종과 자주자가 굴과 산 바위 틈에 숨어
16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔ no ne abotan no sɛ, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔte ahennwa no so no ani renhunu yɛn, na yɛmfiri Odwammaa no abufuo ano.
산과 바위에게 이르되 `우리 위에 떨어져 보좌에 앉으신 이의 낯에서와 어린 양의 진노에서 우리를 가리우라
17 Wɔn abufuo no ɛda kɛseɛ aduru, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?”
그들의 진노의 큰 날이 이르렀으니 누가 능히 서리요' 하더라

< Adiyisɛm 6 >