< Adiyisɛm 5 >

1 Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano.
And I saw in the right hand of him that sat on the throne a book written within and without, sealed fast with seven seals.
2 Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?”
And I saw a strong angel proclaiming with a loud voice, Who is worthy to open the book, and to loose its seals?
3 Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu.
And no one in heaven, nor on the earth, nor under the earth, was able to open the book, nor to look thereon.
4 Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu.
And I wept much, because no one was found worthy to open the book, nor to look thereon.
5 Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.”
And one of the elders saith to me, Weep not; behold, the Lion that is of the tribe of Judah, the shoot from David, conquered, he that openeth the book, and its seven seals.
6 Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no.
And I saw, between the throne and the four living creatures and the elders, a Lamb standing, as if it had been slain, having seven horns, and seven eyes, which are the seven spirits of God sent forth into all the earth.
7 Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu.
And he came and took the book out of the right hand of him that sat upon the throne.
8 Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ.
And when he had taken the book, the four living creatures and the twenty-four elders fell down before the Lamb, having each one a harp, and golden bowls full of incense, which are the prayers of the saints.
9 Wɔtoo dwom foforɔ sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma no na wote ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔkumm wo, na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.
And they sing a new song, saying, Thou art worthy to take the book, and to open its seals; for thou wast slain, and hast redeemed to God by thy blood men out of every tribe and tongue and people and nation,
10 Wɔayɛ wɔn asɔfoɔ ahemman sɛ wɔnsom yɛn Onyankopɔn na wɔbɛdi asase so ɔhene.”
and hast made them a kingdom and priests, and they reign on the earth.
11 Bio mehwɛeɛ, tee abɔfoɔ mpempem nka. Na wɔatwa ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no ho ahyia
And I saw, and I heard the voice of many angels around the throne and the living creatures and the elders; and the number of them was ten thousand times ten thousand, and thousands of thousands;
12 reto dwom denden sɛ, “Odwammaa a wɔkumm no no fata sɛ ɔgye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne anidie ne animuonyam ne nkamfoɔ!”
saying with a loud voice, Worthy is the Lamb that was slain to receive the power, and riches, and wisdom, and strength, and honor, and glory, and blessing.
13 Na metee sɛ abɔdeɛ a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ɛpo mu ne abɔdeɛ biara a wɔwɔ ewiase nyinaa reto dwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi, nka deɛ ɔte ahennwa no so ne Odwammaa no, (aiōn g165)
And every creature which is in heaven, and those which are on the earth and under the earth, and on the sea, and the things in them, I heard them all saying, To him that sitteth upon the throne, and to the Lamb, be the blessing, and the honor, and the glory, and the dominion, for ever and ever. (aiōn g165)
14 Abɔdeɛ ɛnan no gyee so sɛ, “Amen!” Na mpanimfoɔ no butubutuu hɔ someeɛ.
And the four living creatures said Amen. And the elders fell down and worshipped.

< Adiyisɛm 5 >