< Adiyisɛm 4 >

1 Yei akyiri no, mehwɛ mehunuu ɛpono a abue wɔ ɔsoro. Na ɛnne bi akasa akyerɛ me pɛn na ɛgyegye sɛ totorobɛnto kaa sɛ, “Bra ɔsoro ha, na mɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba yei akyi.”
After these things I saw, and behold, a door opened in heaven; and the first voice which I heard was as of a trumpet speaking to me; and it said, Come up hither, and I will shew thee things which must come to pass hereafter.
2 Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahennwa bi si ɔsoro hɔ a obi te so.
And immmediately I was in the Spirit: and behold, a throne was set in heaven, and one sitting on the throne.
3 Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛboɔ ne mogyanamboɔ. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.
And He that sat upon it, was to look at like a jasper and a sardine stone, and there was a rainbow round the throne like the appearance of an emerald.
4 Na ahennwa nketewa aduonu nan atwa ahennwa kɛseɛ no ho ahyia a mpanimfoɔ aduonu ɛnan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛ.
And around the throne were four and twenty seats: and upon the seats I saw twenty four elders sitting, clothed in white garments; and they had upon their heads crowns of gold.
5 Na anyinam ne aprannaa bobom firi ahennwa no mu. Na nkanea nson a wɔasosɔ redɛre wɔ ahennwa no anim. Yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson.
And out of the throne came lightnings, and thunders, and voices: and there were seven lamps of fire burning before the throne; which are the seven spirits of God.
6 Na biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a ɛyɛ korɔgyenn sɛ ahwehwɛ da ahennwa no anim. Ahennwa no fa biara, na ateasefoɔ baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi atwa ahennwa no ho ahyia.
And before the throne was a sea of glass, like crystal: and in the middle of the throne, and the circle of it, were four animate beings full of eyes before and behind.
7 Na ɔteasefoɔ a ɔdi ɛkan no te sɛ gyata; deɛ ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba; deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no anim te sɛ onipa; ɛnna deɛ ɔtɔ so nan no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔretu.
And the first was like a lion, and the second like a calf, and the third had a face like a man, and the fourth was like a flying eagle.
8 Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia a ani tuatua akyire ne animu nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom sɛ,
And the four animals had each of them six wings round about, and within were full of eyes; and they cease not day and night saying, Holy, holy, holy is the Lord God almighty, who was, and who is, and who is to come.
9 Saa ateasefoɔ baanan no to nnwom de hyɛ deɛ ɔte ahennwa no so a ɔte hɔ daa daa no animuonyam, de ma no anidie, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, (aiōn g165)
And when the animals give glory and honor and thanks to Him that sitteth on the throne, who liveth for ever and ever, (aiōn g165)
10 mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutu deɛ ɔte ahennwa no so no anim som deɛ ɔte hɔ daa daa no. Wɔto wɔn ahenkyɛ gu ahennwa no anim ka sɛ: (aiōn g165)
the four and twenty elders fall down before Him that sitteth on the throne, and worship Him that liveth for ever and ever, (aiōn g165)
11 “Yɛn Awurade ne Onyankopɔn, wofata sɛ wonya animuonyam, anidie ne tumi, ɛfiri sɛ, wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ mu enti na wɔte hɔ.”
and cast their crowns before the throne, saying, Worthy art thou, O Lord, to receive glory and honor and power; for thou hast created all things, and by thy will they exist, and were created.

< Adiyisɛm 4 >