< Adiyisɛm 21 >

1 Afei, mehunuu ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na kane ɔsoro ne kane asase no atwam, na ɛpo nso nni hɔ bio.
Καὶ εἶδον οὐρανὸν καινὸν καὶ γῆν καινήν· ὁ γὰρ πρῶτος οὐρανὸς καὶ ἡ πρώτη γῆ ἀπῆλθον, καὶ ἡ θάλασσα οὐκ ἔστιν ἔτι.
2 Na mehunuu Kuro Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforɔ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforɔ a ɔrekɔhyia ne kunu.
Καὶ τὴν πόλιν τὴν ἁγίαν, Ἱερουσαλὴμ καινήν, εἶδον καταβαίνουσαν ἐκ τοῦ οὐρανοῦ ἀπὸ τοῦ Θεοῦ, ἡτοιμασμένην ὡς νύμφην κεκοσμημένην τῷ ἀνδρὶ αὐτῆς.
3 Metee nne denden bi firi ahennwa no so sɛ, “Afei, Onyankopɔn atenaeɛ wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfoɔ. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Onyankopɔn.
Καὶ ἤκουσα φωνῆς μεγάλης ἐκ τοῦ οὐρανοῦ, λεγούσης, Ἰδού, ἡ σκηνὴ τοῦ Θεοῦ μετὰ τῶν ἀνθρώπων, καὶ σκηνώσει μετ᾽ αὐτῶν, καὶ αὐτοὶ λαὸς αὐτοῦ ἔσονται, καὶ αὐτὸς ὁ Θεὸς ἔσται μετ᾽ αὐτῶν·
4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea nni hɔ bio. Na kane nneɛma no atwam.”
καὶ ἐξαλείψει πᾶν δάκρυον ἀπὸ τῶν ὀφθαλμῶν αὐτῶν, καὶ ὁ θάνατος οὐκ ἔσται ἔτι· οὔτε πένθος, οὔτε κραυγή, οὔτε πόνος οὐκ ἔσται ἔτι· ὅτι τὰ πρῶτα ἀπῆλθον.
5 Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”
Καὶ εἶπεν ὁ καθήμενος ἐπὶ τῷ θρόνῳ, Ἰδού, πάντα καινὰ ποιῶ. Καὶ λέγει μοι, Γράψον· ὅτι οὗτοι οἱ λόγοι ἀληθινοὶ καὶ πιστοί εἰσι.
6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa.
Καὶ εἶπέ μοι, Γέγονα τὸ Ἄλφα καὶ τὸ Ὦ, ἡ ἀρχὴ καὶ τὸ τέλος. Ἐγὼ τῷ διψῶντι δώσω ἐκ τῆς πηγῆς τοῦ ὕδατος τῆς ζωῆς δωρεάν.
7 Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
Ὁ νικῶν κληρονομήσει ταῦτα, καὶ ἔσομαι αὐτῷ Θεός, καὶ αὐτὸς ἔσται μοι υἱός.
8 Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.” (Limnē Pyr g3041 g4442)
Τοῖς δὲ δειλοῖς καὶ ἀπίστοις καὶ ἁμαρτωλοῖς καὶ ἐβδελυγμένοις καὶ φονεῦσι καὶ πόρνοις καὶ φαρμάκοις καὶ εἰδωλολάτραις, καὶ πᾶσι τοῖς ψευδέσι, τὸ μέρος αὐτῶν ἐν τῇ λίμνῃ τῇ καιομένῃ πυρὶ καὶ θείῳ, ὅ ἐστιν ὁ θάνατος ὁ δεύτερος. (Limnē Pyr g3041 g4442)
9 Abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson a ɔhaw nson a ɛtwa toɔ no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforɔ a ɔyɛ Odwammaa no yere no.”
Καὶ ἦλθεν εἷς ἐκ τῶν ἑπτὰ ἀγγέλων τῶν ἐχόντων τὰς ἑπτὰ φιάλας γεμούσας τῶν ἑπτὰ πληγῶν τῶν ἐσχάτων, καὶ ἐλάλησε μετ᾽ ἐμοῦ, λέγων, Δεῦρο, δείξω σοι τὴν γυναῖκα τὴν νύμφην τοῦ ἀρνίου.
10 Honhom no faa me, na ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ bepɔ tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kuro Kronkron a ɛfiri ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resiane aba fam.
Καὶ ἀπήνεγκέ με ἐν πνεύματι ἐπ᾽ ὄρος μέγα καὶ ὑψηλόν, καὶ ἔδειξέ μοι τὴν πόλιν τὴν μεγάλην, τὴν ἁγίαν Ἱερουσαλήμ, καταβαίνουσαν ἐκ τοῦ οὐρανοῦ ἀπὸ τοῦ Θεοῦ,
11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn animuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdenboɔ a ɛsɛ ahwehwɛboɔ a ani te sɛ ahwehwɛ.
ἔχουσαν τὴν δόξαν τοῦ Θεοῦ· ὁ φωστὴρ αὐτῆς ὅμοιος λίθῳ τιμιωτάτῳ, ὡς λίθῳ ἰάσπιδι κρυσταλλίζοντι·
12 Na ne ɔfasuo no wɔ ahoɔden na ɛware yie nso. Apono dumienu gu ano a, abɔfoɔ dumienu na wɔhwɛ so. Na ɛpono biara so no wɔatwerɛ Israel mmusuakuo dumienu no mu baako din.
ἔχουσα τεῖχος μέγα καὶ ὑψηλόν, ἔχουσα πυλῶνας δώδεκα, καὶ ἐπὶ τοῖς πυλῶσιν ἀγγέλους δώδεκα, καὶ ὀνόματα ἐπιγεγραμμένα, ἅ ἐστιν ὀνόματα τῶν δώδεκα φυλῶν τῶν υἱῶν Ἰσραήλ.
13 Apono mmiɛnsa wɔ apueeɛ; mmiɛnsa wɔ anafoɔ; mmiɛnsa wɔ atifi ɛnna mmiɛnsa wɔ atɔeɛ.
Ἀπὸ ἀνατολῶν, πυλῶνες τρεῖς· καὶ ἀπὸ βορρᾶ, πυλῶνες τρεῖς· καὶ ἀπὸ νότου, πυλῶνες τρεῖς· καὶ ἀπὸ δυσμῶν, πυλῶνες τρεῖς.
14 Wɔsii kuro no afasuo sii aboɔ dumienu a wɔatwerɛ Odwammaa no asomafoɔ dumienu no din wɔ so no so.
Καὶ τὸ τεῖχος τῆς πόλεως ἔχον θεμελίους δώδεκα, καὶ ἐπ᾽ αὐτῶν δώδεκα ὀνόματα τῶν δώδεκα ἀποστόλων τοῦ ἀρνίου.
15 Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo.
Καὶ ὁ λαλῶν μετ᾽ ἐμοῦ εἶχε μέτρον κάλαμον χρυσοῦν, ἵνα μετρήσῃ τὴν πόλιν, καὶ τοὺς πυλῶνας αὐτῆς, καὶ τὸ τεῖχος αὐτῆς.
16 Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan, na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.
Καὶ ἡ πόλις τετράγωνος κεῖται, καὶ τὸ μῆκος αὐτῆς ὅσον τὸ πλάτος. Καὶ ἐμέτρησε τὴν πόλιν τῷ καλάμῳ ἐπὶ σταδίους δώδεκα χιλιάδων· δώδεκα τὸ μῆκος καὶ τὸ πλάτος καὶ τὸ ὕψος αὐτῆς ἴσα ἐστί.
17 Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia.
Καὶ ἐμέτρησε τὸ τεῖχος αὐτῆς ἑκατὸν τεσσαράκοντα τεσσάρων πηχῶν, μέτρον ἀνθρώπου, ὅ ἐστιν ἀγγέλου.
18 Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ.
Καὶ ἦν ἡ ἐνδόμησις τοῦ τείχους αὐτῆς ἴασπις· καὶ ἡ πόλις χρυσίον καθαρόν, ὅμοιον ὑέλῳ καθαρῷ.
19 Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ.
Οἱ θεμέλιοι τοῦ τείχους τῆς πόλεως παντὶ λίθῳ τιμίῳ κεκοσμημένοι. Ὁ θεμέλιος ὁ πρῶτος, ἴασπις· ὁ δεύτερος, σάπφειρος· ὁ τρίτος, χαλκηδών· ὁ τέταρτος, σμάραγδος·
20 Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ.
ὁ πέμπτος, σαρδόνυξ· ὁ ἕκτος, σάρδιον· ὁ ἕβδομος, χρυσόλιθος· ὁ ὄγδοος, βήρυλλος· ὁ ἔνατος, τοπάζιον· ὁ δέκατος, χρυσόπρασος· ὁ ἑνδέκατος, ὑάκινθος· ὁ δωδέκατος, ἀμέθυσος.
21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.
Καὶ οἱ δώδεκα πυλῶνες, δώδεκα μαργαρῖται· ἀνὰ εἷς ἕκαστος τῶν πυλώνων ἦν ἐξ ἑνὸς μαργαρίτου· καὶ ἡ πλατεῖα τῆς πόλεως χρυσίον καθαρόν, ὡς ὕελος διαυγής.
22 Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan.
Καὶ ναὸν οὐκ εἶδον ἐν αὐτῇ· ὁ γὰρ Κύριος ὁ Θεὸς ὁ παντοκράτωρ ναὸς αὐτῆς ἐστι, καὶ τὸ ἀρνίον.
23 Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ.
Καὶ ἡ πόλις οὐ χρείαν ἔχει τοῦ ἡλίου, οὐδὲ τῆς σελήνης, ἵνα φαίνωσιν αὐτῇ· ἡ γὰρ δόξα τοῦ Θεοῦ ἐφώτισεν αὐτήν, καὶ ὁ λύχνος αὐτῆς τὸ ἀρνίον.
24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ.
Καὶ περιπατήσουσι τὰ ἔθνη διὰ τοῦ φωτὸς αὐτῆς· καὶ οἱ βασιλεῖς τῆς γῆς φέρουσιν αὐτῷ δόξαν καὶ τιμὴν τῶν ἐθνῶν εἰς αὐτήν.
25 Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ.
Καὶ οἱ πυλῶνες αὐτῆς οὐ μὴ κλεισθῶσιν ἡμέρας—νὺξ γὰρ οὐκ ἔσται ἐκεῖ—
26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu.
καὶ οἴσουσι τὴν δόξαν καὶ τὴν τιμὴν τῶν ἐθνῶν εἰς αὐτήν·
27 Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.
καὶ οὐ μὴ εἰσέλθῃ εἰς αὐτὴν πᾶν κοινόν, καὶ ποιοῦν βδέλυγμα καὶ ψεῦδος· εἰ μὴ οἱ γεγραμμένοι ἐν τῷ βιβλίῳ τῆς ζωῆς τοῦ ἀρνίου.

< Adiyisɛm 21 >