< Adiyisɛm 20 >

1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. (Abyssos g12)
Y vi a un ángel que descendía del cielo, que tenía la llave del gran abismo y una gran cadena en su mano. (Abyssos g12)
2 Ɔkyeree ɔtweaseɛ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem.
Y tomó el dragón, la vieja serpiente, que es él diablo y Satanás, y le puso cadenas por mil años,
3 Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu, too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra. (Abyssos g12)
y lo metió en el gran abismo, y fue encerrado y puso un sello sobre él, para que no engañase más a las naciones, hasta que los mil años se cumpliesen: después de esto se debe ser desatado por un poco de tiempo. (Abyssos g12)
4 Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi.
Y vi tronos, y se sentaron sobre ellos, y se les dio el derecho de juzgar; y vi las almas de los que habían cortado la cabeza por el testimonio de Jesús y por la palabra de Dios, y aquellos que no le dieron culto a la bestia, o a su imagen, y no tenían su marca en su frente o en sus manos; y vivieron y gobernaron con Cristo mil años.
5 Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan.
El resto de los muertos no volvió a la vida hasta que se cumplieron los mil años. Esta es la primera resurrección.
6 Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.
Bienaventurado y santo es el que tiene parte en la primera resurrección; sobre estos la segunda muerte no tiene autoridad, sino que serán sacerdotes de Dios y de Cristo, y reinarán con él mil años.
7 Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ;
Y cuando los mil años hayan terminado, Satanás será soltado de su prisión,
8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko.
y saldrá a confundir a las naciones que están en las cuatro partes de la tierra, Gog y Magog, para juntarlas a la tierra. guerra, cuyo número es como las arenas del mar.
9 Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn.
Y subieron sobre la faz de la tierra, y rodearon las tiendas de los santos, y la ciudad amada: y de Dios descendió fuego del cielo, y los consumió.
10 Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
Y el Maligno que los confundió fue enviado al mar de fuego ardiente y azufre, donde están la bestia y el falso profeta, y su castigo será de día y de noche por los siglos de los siglos. (aiōn g165, Limnē Pyr g3041 g4442)
11 Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio.
Y vi un gran trono blanco, y al que estaba sentado sobre él, delante de cuya cara la tierra y el cielo se fueron en fuga; y no había lugar para ellos.
12 Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no.
Y vi a los muertos, grandes y pequeños, tomando su lugar delante del trono; y los libros estaban abiertos, y otro libro estaba abierto, que es el libro de la vida; y los muertos fueron juzgados por las cosas que estaban en los libros, según sus obras.
13 Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. (Hadēs g86)
Y el mar entregó los muertos que estaban en él; y la muerte y el infierno dieron los muertos que estaban en ellos; y fueron juzgados cada uno por sus obras. (Hadēs g86)
14 Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
Y la muerte y el infierno fueron puestos en el mar de fuego. Esta es la segunda muerte. (Hadēs g86, Limnē Pyr g3041 g4442)
15 Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)
Y si el nombre de alguno no estaba en el libro de la vida, descendió al lago de fuego. (Limnē Pyr g3041 g4442)

< Adiyisɛm 20 >