< Adiyisɛm 20 >
1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam a na ɔkura ebunu no safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn duruduru bi. (Abyssos )
Vi a un ángel que bajaba del cielo, con la llave del abismo y una gran cadena en la mano. (Abyssos )
2 Ɔkyeree ɔtweaseɛ kɛseɛ dada a ɔyɛ ɔbonsam no kyekyeree no mfeɛ apem.
Agarró al dragón, la serpiente antigua, que es el diablo y Satanás, que engaña a toda la tierra habitada, y lo ató por mil años,
3 Ɔbɔfoɔ no too no twenee ebunu no mu, too mu safoa sɔɔ ano sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mfeɛ apem no bɛtwam. Ɛno akyi wɔbɛgyaa no kakra. (Abyssos )
y lo arrojó al abismo, lo cerró y lo selló sobre él, para que no engañara más a las naciones hasta que se cumplieran los mil años. Después de esto, debe ser liberado por un corto tiempo. (Abyssos )
4 Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi.
Vi tronos, y se sentaron en ellos, y se les dio juicio. Vi las almas de los que habían sido decapitados por el testimonio de Jesús y por la palabra de Dios, y a los que no adoraron a la bestia ni a su imagen, y no recibieron la marca en la frente y en la mano. Ellos vivieron y reinaron con Cristo durante mil años.
5 Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan.
El resto de los muertos no vivió hasta que se cumplieron los mil años. Esta es la primera resurrección.
6 Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.
Bendito y santo es el que tiene parte en la primera resurrección. Sobre éstos, la segunda muerte no tiene poder, sino que serán sacerdotes de Dios y de Cristo, y reinarán con él mil años.
7 Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ;
Y después de los mil años, Satanás será liberado de su prisión
8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko.
y saldrá para engañar a las naciones que están en los cuatro rincones de la tierra, a Gog y a Magog, para reunirlos a la guerra, cuyo número es como la arena del mar.
9 Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn.
Subieron a lo ancho de la tierra y rodearon el campamento de los santos y la ciudad amada. De Dios bajó fuego del cielo y los devoró.
10 Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa. (aiōn , Limnē Pyr )
El diablo que los engañaba fue arrojado al lago de fuego y azufre, donde también están la bestia y el falso profeta. Serán atormentados día y noche por los siglos de los siglos. (aiōn , Limnē Pyr )
11 Afei, mehunuu ahennwa fitaa kɛseɛ bi ne deɛ ɔte so no. Asase ne ɔsoro dwanee wɔ nʼanim, na wɔanhunu wɔn bio.
Vi un gran trono blanco y al que estaba sentado en él, de cuyo rostro huyeron la tierra y el cielo. No se encontró lugar para ellos.
12 Na mehunuu awufoɔ akɛseɛ ne nketewa sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim. Wobuebuee nwoma bebree mu, ɛnna wobuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ ateasefoɔ nwoma no mu. Wɔbuu awufoɔ no atɛn, sɛdeɛ wɔn nnwuma te ne sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma ahodoɔ no mu no.
Vi a los muertos, a los grandes y a los pequeños, de pie ante el trono, y abrieron libros. Se abrió otro libro, que es el libro de la vida. Los muertos fueron juzgados por las cosas que estaban escritas en los libros, según sus obras.
13 Afei, ɛpo nso danee nʼawufoɔ maeɛ. Owuo ne asaman nso de wɔn awufoɔ maeɛ. Na wɔbuu wɔn nyinaa atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ. (Hadēs )
El mar entregó a los muertos que estaban en él. La muerte y el Hades entregaron a los muertos que estaban en ellos. Fueron juzgados, cada uno según sus obras. (Hadēs )
14 Na wɔtoo owuo ne asaman guu ogya tadeɛ no mu. Saa ogya tadeɛ yi ne owuprenu no. (Hadēs , Limnē Pyr )
La muerte y el Hades fueron arrojados al lago de fuego. Esta es la segunda muerte, el lago de fuego. (Hadēs , Limnē Pyr )
15 Na obiara a wɔantwerɛ ne din angu nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu. (Limnē Pyr )
El que no se halló inscrito en el libro de la vida fue arrojado al lago de fuego. (Limnē Pyr )