< Adiyisɛm 2 >
1 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no sɛ: Yei ne nsɛm a ɛfiri obi a ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu a ɔnante wɔ sika nkaneadua nson no ntam no.
“Escribe esto al ángel de la iglesia de Éfeso: Esto es lo que dice el que sostiene las siete estrellas en su mano derecha, el que camina en medio de los siete candelabros de oro:
2 Menim deɛ woayɛ. Menim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ wonnye nnebɔneyɛfoɔ, na afei woasɔ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ nanso wɔnnyɛ bi no ahwɛ, na woahunu sɛ wɔyɛ atorofoɔ.
Conozco tus logros, tu trabajo arduo y tu perseverancia. Sé que no puedes tolerar a las personas malas, y cómo investigaste a los que decían ser apóstoles y no lo eran, y descubriste su fraude.
3 Wowɔ boasetɔ, na me enti, woahunu amane bebree, nanso wompaa aba.
Conozco tu paciencia, y lo que soportaste por mi causa, y sé que nunca te rendiste.
4 Nanso, deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛdeɛ kan no na wodɔ me no.
“Pero tengo algo contra ti: has descuidado tu primer amor.
5 Hunu ba a woaba fam no. Te wo ho firi bɔne ho na yɛ sɛdeɛ kane no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfiri wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabɛyi wo kaneadua no afiri ne siberɛ.
Así que recuerda de dónde has caído, arrepiéntete y vuelve a lo que hacías al principio. De lo contrario vendré a ti y quitaré tu candelabro de su lugar, a menos que te arrepientas.
6 Nanso, deɛ ɛyɛ wɔ wo ho ne sɛ, wokyiri deɛ Nikolaifoɔ no yɛ no, na saa ara na me nso mekyiri.
Sin embargo, tienes esto a tu favor: aborreces los actos de los Nicolaítas, tal como yo también lo hago.
7 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no bi. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwadua a ɛwɔ Onyankopɔn paradise hɔ.
Si tienen oídos, oigan lo que el Espíritu le dice a las iglesias. A los que sean victoriosos yo les daré el privilegio de comer del árbol de la vida, que está en el Paraíso de Dios.
8 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔtua Smirna asafo no ano sɛ: Saa asɛm yi firi Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no nkyɛn. Deɛ ɔwuiɛ na ɔnyaneeɛ no.
“Escribe esto al ángel de la iglesia de Esmirna: Esto es lo que dice el primero y el último, el que estaba muerto y volvió a la vida:
9 Menim amane a wohunu maa Awurade na menim wʼahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapadeɛ wɔ ɔsoro. Menim nsɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ nanso wɔnyɛ Yudafoɔ no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam apamfoɔ.
Conozco las dificultades que afrontas, y cuán pobre eres (pero eres rico), y también conozco el abuso de los que dicen ser judíos y no lo son, sino que pertenecen a la sinagoga de Satanás.
10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bɛdi dadu. Sɛ owuo mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotire.
No tengas miedo respecto a las cosas que vas a sufrir. Sí, el diablo llevará a muchos de ustedes a la cárcel, y sufrirán persecución durante diez días. Solo mantente fiel, incluso si esto implica la muerte, y yo te daré la corona de la vida.
11 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wɔdi nkonim no renwu owuprenu.
Si tienes oídos, oye lo que el Espíritu dice a las iglesias. La segunda muerte no hará daño a los victoriosos.
12 “Twerɛ krataa yi kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Pergamo asafo mu sɛ: Saa krataa yi firi deɛ ɔwɔ akofena anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn.
“Escribe esto al ángel de la iglesia de Pérgamo: Esto dice el que sostiene la espada de doble filo:
13 Menim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahennwa si. Wodi me nokorɛ; na ɛberɛ a wɔkumm Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.
Yo sé que vives donde Satanás tiene su trono, y que has permanecido fiel a mí. No has negado tu fe en mí, incluso cuando mi fiel testigo Antipas fue asesinado justo en medio de ustedes, justo allí, donde vive Satanás.
14 Nanso, nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wɔdi Bileam nkyerɛkyerɛakyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak maa ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ wɔn adwamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no.
“Pero tengo unas cuantas cosas contra ti: Hay algunos entre ustedes que guardan las enseñanzas de Balaam, quien enseñó a Balac a engañar a los hijos de Israel por medio de alimentos sacrificados a ídolos y por medio de pecados sexuales.
15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wɔdi Nikolaifoɔ nkyerɛkyerɛ akyi.
Del mismo modo, tienes a algunos que guardan las enseñanzas de los Nicolaítas.
16 Twe wo ho firi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛre biara mɛba wo nkyɛn, na mede sekan a ɛfiri mʼanom no abɛko atia saa nnipa no.
Así que arrepiéntete, o vendré pronto a ti y pelearé contra ellos usando la espada de mi boca.
17 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no. Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahinta no bi. Afei, mɛma wɔn mu biara ɛboɔ fitaa a wɔatwerɛ din foforɔ wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.
Si tienes oídos, escucha lo que el Espíritu dice a las iglesias. A los que sean victoriosos les daré del maná escondido. Les daré una piedra blanca con un nombre nuevo escrito en ella, el cual nadie conoce sino solo quienes la reciben.
18 “Twerɛ krataa kɔma ɔbɔfoɔ a ɔwɔ Tiatira asafo mu sɛ: Yei ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn Ba no a nʼani dɛre sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowaa no nkyɛn.
“Escribe esto al ángel de la iglesia de Tiatira: Esto es lo que dice el Hijo de Dios, el que tiene ojos como fuego ardiente y pies como metal refinado.
19 Menim deɛ woyɛ. Menim wo dɔ, wo gyidie, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Menim sɛ woreyɛ adwuma sene kane no.
Yo conozco tus logros, tu amor y fidelidad, tu servicio y perseverancia, y que ahora estás trabajando más que cuando comenzaste a creer.
20 Nanso deɛ mewɔ tia wo ne sɛ, wogyee ɔbaa bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho, Onyankopɔn odiyifoɔ no too mu. Saa ɔbaa yi kyerɛkyerɛ, na ɔdi mʼasomafoɔ anim ma wɔbɔ adwaman di abosom aduane.
“Pero tengo algo contra ti: estás dejando que la mujer llamada Jezabel, que se llama a sí misma profetisa, enseñe a mis seguidores, conduciéndolos a la perdición de pecados sexuales, y a comer alimentos sacrificados a ídolos.
21 Mama no ɛberɛ sɛ ɔnnu ne ho mfiri ne bɔne mu, nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakyera firi nʼadwamammɔ mu.
Yo le di tiempo de arrepentirse de sus pecados sexuales, pero ella no está dispuesta a hacerlo.
22 Ɛno enti, sɛ wɔansesa amfiri amumuyɛ a wɔne no yɛeɛ no mu a, mɛto no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe awadeɛ no ahunu amane a ano yɛ den yie.
Por lo tanto yo la arrojo en una cama junto a sus compañeros de adulterio, y sufrirán en gran manera a menos que se arrepientan de lo que han hecho con ella.
23 Afei, mɛkum nʼakyidifoɔ no, na asafo no nyinaa bɛhunu sɛ mene obi a mehunu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Deɛ mo mu biara yɛeɛ no, mɛtua no so ka pɛpɛɛpɛ.
Yo enviaré a muerte a sus hijos. Entonces todas las iglesias sabrán que yo soy el que examina los pensamientos y las motivaciones. Yo recompensaré a cada uno conforme a sus obras.
24 Nanso, momu bi a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Monsuaa deɛ afoforɔ frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo sɛ, meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so.
“Para el resto de ustedes que están allá en Tiatira y que no siguen esta enseñanza, que no han aprendido la ‘profunda depravación’ de Satanás, como les llaman, yo no les colocaré ninguna otra carga. Sino que les digo:
25 Na monsɔ deɛ mowɔ no mu denden kɔsi sɛ mɛba.
‘Mantengan lo que tienen hasta que yo venga’.
26 Wɔn a wɔdi nkonim na wɔkɔ so yɛ deɛ mepɛ kɔsi awieeɛ no, mede tumi korɔ no ara a menya firii
A los que sean victoriosos y obedezcan lo que yo ordeno hasta el fin, les daré autoridad sobre las naciones.
27 mʼAgya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dadeɛ poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkukuo.
Él gobernará las naciones con una vara, quebrantándolas en pedazos como vasijas de barro. Del mismo modo que yo recibí autoridad de mi Padre,
28 Afei, mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.
yo les daré la estrella de la mañana.
29 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo no.
Si tienen oídos, escuchen lo que el Espíritu dice a las iglesias”.