< Adiyisɛm 19 >

1 Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ, “Haleluia! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,
По цьому почув я на́че гучни́й голос великого на́товпу в небі, який говорив: „Алілу́я! Спасі́ння, і слава, і сила Господе́ві нашому,
2 ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”
правдиві бо та справедливі суди́ Його, бо Він засудив ту велику розпусницю, що землю зіпсула своєю розпустою, і помстив за кров Своїх рабів з її рук!“
3 Na afei, wɔteaam bio sɛ, “Haleluia! Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” (aiōn g165)
І вдруге сказали вони: „Алілуя! І з неї дим виступає на вічні віки!“ (aiōn g165)
4 Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ, “Amen, Haleluia!”
І попа́дали двадцять чотири ста́рці й чотири твари́ни, і поклонилися Богові, що сидить на престолі, говорячи: „Амінь, алілуя!“
5 Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ, “Monkamfo yɛn Onyankopɔn, mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa, mo a mosuro no, akɛseɛ ne nkumaa!”
А від престолу вийшов голос, що кли́кав: „Хваліть Бога нашого, усі раби Його, і всі, хто боїться Його, і малі, і великі!“
6 Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ, “Haleluia! Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.
І почув я ніби голос великого на́товпу, і на́че шум великої води, і мов голос громів гучних, що вигукували: „Алілуя, бо запанував Господь, наш Бог Вседержи́тель!
7 Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam! Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru, na nʼayefokunu asiesie ne ho.
Радіймо та тішмося, і даймо славу Йому́, бо весі́лля Агнця настало, і жона Його себе приготува́ла!“
8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ maa no sɛ ɔnhyɛ.” (Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.)
І їй да́но було зодягнутися в чистий та світлий вісо́н, бо вісо́н — то праведність святих.
9 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”
І сказав він мені: „Напиши: Блаженні покликані на весільну вечерю Агнця!“І сказав він мені: „Це правдиві Божі слова!“
10 Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.”
І я впав до його ніг, щоб вклонитись йому. А він каже мені: „Таж ні! Я співслуга твій та братів твоїх, хто має засві́дчення Ісусове, — Богові вклонися!“Бо засві́дчення Ісусове, — то дух пророцтва.
11 Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko.
І побачив я небо відкрите. І ось білий кінь, а Той, Хто на ньому сидів, зветься Вірний і Правдивий, і Він праведно судить і воює.
12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho.
Очі Його — немов по́лум'я огняне́, а на голові Його — багато вінців. Він ім'я́ мав написане, якого не знає ніхто, тільки Він Сам.
13 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm”
I зодя́гнений був Він у шату, покра́шену кров'ю. А Йому на ім'я: Слово Боже.
14 Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi.
А війська́ небесні, зодягнені в білий та чистий вісо́н, їхали вслід за Ним на білих ко́нях.
15 Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo.
А з Його уст виходив гострий меч, щоб ним бити наро́ди. І Він па́стиме їх залізним жезлом, і Він буде топтати чави́ло вина лютого гніву Бога Вседержи́теля!
16 Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ: ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.
I Він має на шаті й на сте́гнах Своїх написане ймення: „Цар над царями, і Господь над панами“.
17 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase.
І бачив я одного ангола, що на сонці стояв. І він гучним голосом кли́кнув, ка́жучи до всіх птахів, що серед неба літали: „Ходіть, — і зберіться на велику Божу вечерю,
18 Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”
щоб ви їли тіла царів, і тіла ти́сячників, і тіла сильних, і тіла ко́ней і тих, хто сидить на них, і тіла всіх вільних і рабів, і мали́х, і великих“.
19 Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm.
І я побачив звіри́ну, і зе́мних царів, і війська́ їхні, зібрані, щоб учинити війну з Тим, Хто сидить на коні, та з ві́йськом Його.
20 Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu. (Limnē Pyr g3041 g4442)
І схо́плена була звіри́на, а з нею неправдивий пророк, що ознаки чинив перед нею, що ними звів тих, хто знаме́но звіри́ни прийняв і поклонився був о́бразові її. Обоє вони були вкинені живими до огняно́го озера, що сіркою горіло. (Limnē Pyr g3041 g4442)
21 Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.
А решта побита була мечем Того, Хто сидів на коні, що виходив із уст Його. І все пта́ство наїлося їхніми трупами.

< Adiyisɛm 19 >