< Adiyisɛm 18 >
1 Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa.
Därefter såg jag en annan ängel komma ned från himmelen; han hade stor makt, och jorden upplystes av hans härlighet.
2 Ɔteaam dendeenden sɛ, “‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’ Adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ. Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.
Och han ropade med stark röst och sade: »Fallet, fallet är det stora Babylon; det har blivit en boning för onda andar, ett tillhåll för alla slags orena andar och ett tillhåll för alla slags orena och vederstyggliga fåglar.
3 Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ. Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.”
Ty av hennes otukts vredesvin hava alla folk druckit; konungarna på jorden hava bedrivit otukt med henne, och köpmännen på jorden hava skaffat sig rikedom genom hennes omåttliga vällust.»
4 Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!
Och jag hörde en annan röst från himmelen säga: »Dragen ut ifrån henne, I mitt folk, så att I icke gören eder delaktiga i hennes synder och fån eder del av hennes plågor.
5 Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro, na Onyankopɔn akae nʼawudie no.
Ty hennes synder räcka ända upp till himmelen, och Gud har kommit ihåg hennes orättfärdiga gärningar.
6 Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.
Vedergällen henne vad hon har gjort, ja, given henne dubbelt igen för hennes gärningar; iskänken dubbelt åt henne i den kalk vari hon har iskänkt.
7 Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’
Så mycken ära och vällust som hon har berett sig, så mycken pina och sorg mån I bereda henne. Eftersom hon säger i sitt hjärta: 'Jag tronar såsom drottning och och sitter icke såsom änka, och aldrig skall jag veta av någon sorg',
8 Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ.
därför skola på en och samma dag hennes plågor komma över henne: död och sorg och hungersnöd; och hon skall brännas upp i eld. Ty stark är Herren Gud, han som har dömt henne.
9 “Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.
Och jordens konungar, som hava bedrivit otukt och levat i vällust med henne, skola gråta och jämra sig över henne, när de se röken av hennes brand.
10 Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’
De skola stå långt ifrån, av förfäran över hennes pina, och skola säga: 'Ve, ve dig, Babylon, du stora stad, du starka stad! Plötsligt har nu din dom kommit.'
11 “Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
Och köpmännen på jorden gråta och sörja över henne, då nu ingen mer köper de varor som de frakta:
12 Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa,
guld och silver, ädla stenar och pärlor, fint linne och purpur, siden och scharlakan, allt slags välluktande trä, alla slags arbeten av elfenben och dyrbaraste trä, av koppar och järn och marmor,
13 ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
därtill kanel och kostbar salva, rökverk, smörjelse och välluktande harts, vin och olja, fint mjöl och vete, fäkreatur och får, hästar och vagnar, livegna och trälar.
14 “Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
De frukter som din själ hade begär till hava försvunnit ifrån dig; allt vad kräsligt och präktigt du hade har gått förlorat för dig och skall aldrig mer bliva funnet.
15 Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,
De som handlade med sådant, de som skaffade sig rikedom genom henne, de skola stå långt ifrån, av förfäran över hennes pina; de skola gråta och sörja
16 na wɔaka sɛ: “‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ, na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.
och skola säga: 'Ve, ve dig, du stora stad, du som var klädd i fint linne och purpur och scharlakan, du som glänste av guld och ädla stenar och pärlor!
17 Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.
I ett ögonblick har nu denna stora rikedom blivit förödd.' Och alla skeppare och alla kustfarare och sjömän och alla andra som hava sitt arbete på havet stå långt ifrån;
18 Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’”
och när de ser röken av hennes brand, ropa de och säga: 'Var fanns den stora stadens like?'
19 Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’
Och de strö stoft på sina huvuden och ropa under gråt och sorg och säga: 'Ve, ve dig, du stora stad, genom vars skatter alla de därinne, som hade skepp på havet, blevo rika! I ett ögonblick har den nu blivit förödd.
20 “Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.”
Gläd dig över vad som har vederfarits henne, du himmel och I helige och I apostlar och profeter, då nu Gud har hållit dom över henne och utkrävt vedergällning för eder!»
21 Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio.
Och en väldig ängel tog upp en sten, lik en stor kvarnsten, och kastade den i havet och sade: »Så skall Babylon, den stora staden, med fart störtas ned och aldrig mer bliva funnen.
22 Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.
Av harpospelare och sångare, av flöjtblåsare och basunblåsare skall aldrig mer något ljud bliva hört i dig; aldrig mer skall någon konstförfaren man av något slags yrke finnas i dig; bullret av en kvarn skall aldrig mer höras i dig;
23 Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne wɔ wo mu bio. Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.
en lampas sken skall aldrig mer lysa i dig; rop för brudgum och brud skall aldrig mer höras i dig -- du vars köpmän voro stormän på jorden, du genom vars trolldom alla folk blevo förvillade,
24 Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”
och i vilken man såg profeters och heliga mäns blod, ja, alla de människors blod, som hade blivit slaktade på jorden.»