< Adiyisɛm 17 >

1 Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso.
Καὶ ἦλθεν εἷς ἐκ τῶν ἑπτὰ ἀγγέλων τῶν ἐχόντων τὰς ἑπτὰ φιάλας, καὶ ἐλάλησε μετ᾽ ἐμοῦ λέγων· δεῦρο δείξω σοι τὸ κρῖμα τῆς πόρνης τῆς μεγάλης τῆς καθημένης ἐπὶ ὑδάτων πολλῶν,
2 Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.”
μεθ᾽ ἧς ἐπόρνευσαν οἱ βασιλεῖς τῆς γῆς, καὶ ἐμεθύσθησαν οἱ κατοικοῦντες τὴν γῆν ἐκ τοῦ οἴνου τῆς πορνείας αὐτῆς.
3 Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ ɛserɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ edin a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn edu.
καὶ ἀπήνεγκέ με εἰς ἔρημον ἐν πνεύματι. καὶ εἶδον γυναῖκα καθημένην ἐπὶ [τὸ] θηρίον [τὸ] κόκκινον, γέμον ὀνόματα βλασφημίας, ἔχον κεφαλὰς ἑπτὰ καὶ κέρατα δέκα.
4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkura sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ.
καὶ ἡ γυνὴ ἦν περιβεβλημένη πορφυροῦν καὶ κόκκινον καὶ κεχρυσωμένη χρυσίῳ καὶ λίθῳ τιμίῳ καὶ μαργαρίταις, ἔχουσα ποτήριον χρυσοῦν ἐν τῇ χειρὶ αὐτῆς, γέμον βδελυγμάτων, καὶ τὰ ἀκάθαρτα τῆς πορνείας τῆς γῆς,
5 Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ, “Babilonia kɛseɛ asase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ maame.”
καὶ ἐπὶ τὸ μέτωπον αὐτῆς ὄνομα γεγραμμένον· μυστήριον, Βαβυλὼν ἡ μεγάλη, ἡ μήτηρ τῶν πορνῶν καὶ τῶν βδελυγμάτων τῆς γῆς.
6 Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkumm wɔn no mogya aboro no. Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa.
καὶ εἶδον τὴν γυναῖκα μεθύουσαν ἐκ τοῦ αἵματος τῶν ἁγίων καὶ ἐκ τοῦ αἵματος τῶν μαρτύρων Ἰησοῦ. καὶ ἐθαύμασα ἰδὼν αὐτὴν θαῦμα μέγα.
7 Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn edu a ɔte ne so no ho.
Καὶ εἶπέ μοι ὁ ἄγγελος· διατί ἐθαύμασας; ἐγὼ ἐρῶ σοι τὸ μυστήριον τῆς γυναικὸς καὶ τοῦ θηρίου τοῦ βαστάζοντος αὐτήν, τοῦ ἔχοντος τὰς ἑπτὰ κεφαλὰς καὶ τὰ δέκα κέρατα.
8 Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ ewiase no, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛberɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba. (Abyssos g12)
Τὸ θηρίον ὃ εἶδες, ἦν καὶ οὐκ ἔστι, καὶ μέλλει ἀναβαίνειν ἐκ τῆς ἀβύσσου καὶ εἰς ἀπώλειαν ὑπάγειν· καὶ θαυμάσονται οἱ κατοικοῦντες ἐπὶ τῆς γῆς, ὧν οὐ γέγραπται τὸ ὄνομα ἐπὶ τὸ βιβλίον τῆς ζωῆς ἀπὸ καταβολῆς κόσμου, βλεπόντων τὸ θηρίον ὅτι ἦν, καὶ οὐκ ἔστι καὶ παρέσται. (Abyssos g12)
9 “Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso
Ὧδε ὁ νοῦς ὁ ἔχων σοφίαν. αἱ ἑπτὰ κεφαλαὶ ὄρη ἑπτά εἰσιν, ὅπου ἡ γυνὴ κάθηται ἐπ᾽ αὐτῶν,
10 a wɔn mu baanum awuwu, na wɔn mu baako da so di ɔhene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɔbɛdi ɔhene kakra.
καὶ βασιλεῖς ἑπτά εἰσιν· οἱ πέντε ἔπεσαν, ὁ εἷς ἐστιν, ὁ ἄλλος οὔπω ἦλθε, καὶ ὅταν ἔλθῃ, ὀλίγον αὐτὸν δεῖ μεῖναι.
11 Aboa no a anka na ɔte ase na afei deɛ, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi ɛkan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu.
καὶ τὸ θηρίον ὃ ἦν καὶ οὐκ ἔστι, καὶ αὐτὸς ὄγδοός ἐστι, καὶ ἐκ τῶν ἑπτά ἐστι, καὶ εἰς ἀπώλειαν ὑπάγει.
12 “Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no.
καὶ τὰ δέκα κέρατα ἃ εἶδες δέκα βασιλεῖς εἰσιν, οἵτινες βασιλείαν οὔπω ἔλαβον, ἀλλ᾽ ἐξουσίαν ὡς βασιλεῖς μίαν ὥραν λαμβάνουσι μετὰ τοῦ θηρίου.
13 Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no.
οὗτοι μίαν γνώμην ἔχουσι, καὶ τὴν δύναμιν καὶ τὴν ἐξουσίαν αὐτῶν τῷ θηρίῳ διδόασιν.
14 Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.”
οὗτοι μετὰ τοῦ ἀρνίου πολεμήσουσι, καὶ τὸ ἀρνίον νικήσει αὐτούς, ὅτι κύριος κυρίων ἐστὶ καὶ βασιλεὺς βασιλέων, καὶ οἱ μετ᾽ αὐτοῦ κλητοὶ καὶ ἐκλεκτοὶ καὶ πιστοί.
15 Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ.
Καὶ λέγει μοι· τὰ ὕδατα ἃ εἶδες, οὗ ἡ πόρνη κάθηται, λαοὶ καὶ ὄχλοι εἰσὶ καὶ ἔθνη καὶ γλῶσσαι.
16 Mmɛn edu ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahye no.
καὶ τὰ δέκα κέρατα ἃ εἶδες καὶ τὸ θηρίον, οὗτοι μισήσουσι τὴν πόρνην καὶ ἠρημωμένην ποιήσουσιν αὐτὴν καὶ γυμνήν, καὶ τὰς σάρκας αὐτῆς φάγονται, καὶ αὐτὴν κατακαύσουσιν ἐν πυρί.
17 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma.
ὁ γὰρ Θεὸς ἔδωκεν εἰς τὰς καρδίας αὐτῶν ποιῆσαι τὴν γνώμην αὐτοῦ, καὶ ποιῆσαι μίαν γνώμην καὶ δοῦναι τὴν βασιλείαν αὐτῶν τῷ θηρίῳ, ἄχρι τελεσθῶσιν οἱ λόγοι τοῦ Θεοῦ.
18 Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene so.”
καὶ ἡ γυνὴ ἣν εἶδες ἔστιν ἡ πόλις ἡ μεγάλη ἡ ἔχουσα βασιλείαν ἐπὶ τῶν βασιλέων τῆς γῆς.

< Adiyisɛm 17 >