< Adiyisɛm 14 >

1 Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so.
לאחר מכן ראיתי שה עומד על הר־ציון בירושלים, ואיתו 144,000 אנשים שנשאו על מצחם את שמו ואת שם אביו.
2 Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so.
מן השמים שמעתי קול כמים רבים וקול רעם גדול. הייתה זאת שירת מקהלה בליווי נגינת כנרים.
3 Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ.
האנשים הרבים האלה שרו שיר חדש לפני כיסא אלוהים, לפני ארבע החיות ולפני עשרים־וארבעה הזקנים. איש לא יכול היה ללמוד את השיר, מלבד 144,000 האנשים אשר נפדו ונגאלו מן הארץ.
4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no.
אנשים אלה לא טימאו את עצמם, אלא שמרו על טהרתם כבתולות. הם ניקנו מתוך בני־האדם כקורבן מקודש לאלוהים ולשה, והם הולכים בעקבות השה לכל אשר ילך.
5 Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho.
הם חסרי דופי ומעולם לא הוציאו דבר־שקר מפיהם.
6 Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho. (aiōnios g166)
לאחר מכן ראיתי מלאך אחר מעופף במרכז השמים, והוא נושא בפיו בשורה לכל בני־האדם – לכל הארצות, העמים, הגזעים והשפות. (aiōnios g166)
7 Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!”
”כבדו את אלוהים ויראו אותו!“קרא המלאך בקול גדול.”כי הגיעה שעתו לשפוט את העולם, השתחוו לבורא השמים, הארץ, הים ומקורותיו!“
8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.”
מלאך שני בא בעקבותיו וקרא:”בבל נפלה! העיר הגדולה בבל נפלה, על שום שהסיתה את כל העמים להשתתף במעשי הזנות והטומאה שלה!“
9 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ
מלאך שלישי בא בעקבותיהם וקרא בקול:”כל המשתחווה לחיה ולפסל־דמותה, וכל הנושא את סימן החיה על ידו או על מצחו,
10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim.
ישתה מיין זעם אלוהים, שנמזג בלתי־מהול בכוס זעמו של אלוהים, ויעונה באש וגופרית בנוכחות המלאכים הקדושים והשה.
11 Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” (aiōn g165)
עשן ייסוריהם יעלה לנצח ולא ירווח להם ביום או בלילה, שכן השתחוו לחיה ולפסלה ונשאו את סימנה על מצחם או ידם.“ (aiōn g165)
12 Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.
זוהי הזדמנות למאמינים, ששומרים את מצוות אלוהים ואת אמונת המשיח, להוכיח את סבלנותם.
13 Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.” Honhom no se, “Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.”
שמעתי קול מן השמים מדבר אלי:”כת‎וֹב: מעתה ואילך ברוכים המתים על אמונתם במשיח!“והרוח אמר:”כן, הם באמת ברוכים. עתה הם יקבלו את שכרם וינוחו מעמלם, כי מעשיהם הטובים מלווים אותם לכל מקום.“
14 Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam.
לאחר מכן השתנה המראה: ראיתי ענן לבן ועליו יושב אחד בדמות”בן־אדם“. על ראשו כתר זהב ובידו מגל חד.
15 Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!”
מן המקדש יצא מלאך וקרא בקול גדול אל היושב על הענן:”הנף את המגל והחל לקצור, כי הקמה בארץ בשלה והגיעה עת הקציר.“
16 Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ.
היושב על הענן הניף את מגלו על הארץ, והתבואה נקצרה.
17 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi.
מלאך נוסף יצא מהיכל ה׳ וגם בידו מגל חד.
18 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.”
עתה יצא מהמזבח מלאך אחר, אשר לו הסמכות והשלטון על האש, וקרא בקול אל המלאך שהחזיק במגל החד:”הנף את מגלך החד ובצור את אשכולות הגפן בארץ, כי בשלו הענבים.“
19 Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu.
המלאך הניף את המגל על הארץ, בצר את אשכולות ענבי הארץ והשליכם אל היקב הגדול של זעם אלוהים.
20 Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.
הענבים נדרכו ביקב מחוץ לעיר, ודם רב זרם מהיקב למרחק של כ־330 קילומטרים, ועומק הזרם כגובה רסן הסוס.

< Adiyisɛm 14 >