< Adiyisɛm 11 >

1 Wɔmaa me susudua bi a ɛte sɛ poma, na wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na susu Onyankopɔn asɔredan no ne afɔrebukyia no na kan wɔn a wɔresom wɔ asɔredan no mu no.
وَأُعْطِيتُ عَصَا قِيَاسٍ، وَأُمِرْتُ أَنْ أَقِيسَ هَيْكَلَ اللهِ وَالْمَذْبَحَ، وَأَنْ أُحْصِيَ عَدَدَ الْمُتَعَبِّدِينَ فِيهِ.١
2 Nanso, mfa asɔredan no adihɔ nka ho, ɛfiri sɛ, wɔde hɔ ama amanamanmufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.
وَقِيلَ لِي: «لا تَقِسِ السَّاحَةَ الْخَارِجِيَّةَ لأَنَّهَا خُصِّصَتْ لِلأُمَمِ، وَسَيَدُوسُونَ الْمَدِينَةَ المُقَدَّسَةَ مُدَّةَ اثْنَيْنِ وَأَرْبَعِينَ شَهْراً،٢
3 Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”
وَلَكِنِّي سَأَمْنَحُ شَاهِدَيَّ أَنْ يَتَنَبَّآ مُدَّةَ أَلْفٍ وَمِئَتَيْنِ وَسِتِّينَ يَوْماً، وَهُمَا يَلْبَسَانِ ثَوْبَيْنِ مِنَ الْوَبَرِ».٣
4 Saa adansefoɔ baanu no ne ngo dua mmienu no ne nkaneadua mmienu a ɛsi asase a ɛwɔ Awurade anim no so no.
هَذَانِ الشَّاهِدَانِ هُمَا شَجَرَتَا الزَّيْتُونِ وَالْمَنَارَتَانِ الْقَائِمَتَانِ أَمَامَ رَبِّ الأَرْضِ.٤
5 Egya firi wɔn anom bɛkunkum atamfoɔ biara a wɔpɛ sɛ wɔha wɔn no. Ɛno enti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔha wɔn no, wɔbɛkum no.
فَإِذَا حَاوَلَ أَحَدٌ أَنْ يَمَسَّهُمَا بِسُوءٍ تَخْرُجُ نَارٌ مِنْ فَمِهِمَا وَتَلْتَهِمُ أَعْدَاءَهُمَا. ذَلِكَ يَجِبُ أَنْ يَكُونَ مَصِيرُ مَنْ يُحَاوِلُ أَنْ يُؤْذِيَهُمَا.٥
6 Wɔwɔ tumi sɛ ɛberɛ a wɔreka Onyankopɔn asɛm no, wɔto soro mu, a osuo rentɔ. Wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhaw bɛto asase so mpɛn dodoɔ biara a wɔpɛ.
وَلِلشَّاهِدَيْنِ السُّلْطَةُ أَنْ يُغْلِقَا السَّمَاءَ فَلا تُمْطِرَ طِيلَةَ مُدَّةِ نُبُوءَتِهِمَا، وَأَنْ يُحَوِّلا مِيَاهَ الأَنْهَارِ وَالْبِحَارِ دَماً، وَأَنْ يُنْزِلا الْبَلايَا بِالأَرْضِ، كُلَّمَا أَرَادَا.٦
7 Na sɛ wɔka wɔn asɛm no wie a, aboa a ɔbɛfiri bunu no mu apue no ne wɔn bɛko. Ɔbɛdi wɔn so akum wɔn (Abyssos g12)
وَعِنْدَمَا يُكْمِلانِ شَهَادَتَهُمَا يُعْلِنُ الْوَحْشُ الصَّاعِدُ مِنَ الْهَاوِيَةِ الْحَرْبَ عَلَيْهِمَا، وَيَهْزِمُهُمَا وَيَقْتُلُهُمَا (Abyssos g12)٧
8 na wɔn amu no agu kuro kɛseɛ no abɔntene so, wɔ baabi a wɔbɔɔ wɔn Awurade nnadewa mu wɔ asɛnnua no so a ɛhɔ din pa de Sodom ne Misraim no.
وَتَبْقَى جُثَّتَاهُمَا مَطْرُوحَتَيْنِ فِي سَاحَةِ الْمَدِينَةِ الْعُظْمَى الَّتِي تَرْمُزُ إِلَيْهَا «سَدُومُ» أَوْ «مِصْرُ»، حَيْثُ صُلِبَ رَبُّهُمَا.٨
9 Na nnipa a wɔfiri aman so ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman bi so bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma ɛkwan mma wɔnsie wɔn.
فَيَرَاهُمَا أُنَاسٌ مِنْ مُخْتَلِفِ الشُّعُوبِ وَالْقَبَائِلِ وَاللُّغَاتِ وَالأُمَمِ، مُدَّةَ ثَلاثَةِ أَيَّامٍ وَنِصْفِ الْيَوْمِ، وَلا يُؤْذَنُ لأَحَدٍ بِدَفْنِهِمَا.٩
10 Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.
وَيَشْمَتُ بِهِمَا أَهْلُ الأَرْضِ، فَيَفْرَحُونَ كَأَنَّهُمْ فِي عِيدٍ، وَيَتَبَادَلُونَ الْهَدَايَا، لأَنَّ هَذَيْنِ النَّبِيَّيْنِ كَانَا قَدْ عَذَّبَاهُمْ كَثِيراً.١٠
11 Nanso, nnansa akyi no, Honhom a ɔfiri Onyankopɔn hɔ bɛwura wɔn mu na wɔasɔre. Na ehu kɛseɛ bɛka obiara a ɔbɛhunu.
وَبَعْدَ أَنْ تَمُرَّ الأَيَّامُ الثَّلاثَةُ وَنِصْفُ الْيَوْمِ يَبْعَثُ اللهُ فِي النَّبِيَّيْنِ رُوحَ الْحَيَاةِ، فَيَنْهَضَانِ وَاقِفَيْنِ، وَيَسْتَوْلِي عَلَى النَّاظِرِينَ إِلَيْهِمَا خَوْفٌ شَدِيدٌ.١١
12 Afei, nne a ano yɛ den firi ɔsoro bɛka sɛ, “Mommra ɔsoro ha.” Na ɛberɛ a wɔn atamfoɔ rehwɛ wɔn no, wɔnam omununkum mu kɔɔ ɔsoro.
وَيَدْعُوهُمَا صَوْتٌ عَالٍ مِنَ السَّمَاءِ: «اصْعَدَا إِلَى هُنَا»، فَيَصْعَدَانِ إِلَى السَّمَاءِ فِي سَحَابَةٍ بِمَشْهَدٍ مِنْ أَعْدَائِهِمَا.١٢
13 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, asase wosoo dendeenden. Kuro no nkyɛmu edu mu baako sɛeɛ, na nnipa mpemnson wuwuiɛ wɔ asasewosoɔ no mu. Nnipa a wɔaka no bɔɔ hu na wɔkamfoo Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsoro no kɛseyɛ.
وَفِي الْوَقْتِ ذَاتِهِ يَحْدُثُ زِلْزَالٌ عَنِيفٌ يُدَمِّرُ عُشْرَ الْمَدِينَةِ، وَيُهْلِكُ سَبْعَةَ آلافٍ مِنْ سَاكِنِيهَا. فَيَرْتَعِبُ النَّاجُونَ وَيُمَجِّدُونَ إِلهَ السَّمَاءِ.١٣
14 Ɔhaw a ɛtɔ so mmienu no atwa, nanso hwɛ, ɛrenkyɛre na ɔhaw a ɛtɔ so mmiɛnsa aba.
انْقَضَى الْوَيْلُ الثَّانِي، وَهَا هُوَ الثَّالِثُ يَأْتِي سَرِيعاً!١٤
15 Afei, ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson hyɛnee ne totorobɛnto, na nne denden wɔ ɔsoro kaa sɛ, “Tumi a wɔde di ewiase so seesei no yɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi ɔhene daa daa.” (aiōn g165)
وَنَفَخَ الْمَلاكُ السَّابِعُ فِي بُوقِهِ فَسُمِعَتْ أَصْوَاتٌ عَالِيَةٌ فِي السَّمَاءِ تَقُولُ: «قَدْ صَارَ مُلْكُ الْعَالَمِ لِرَبِّنَا وَمَسِيحِهِ. إِنَّهُ يَمْلِكُ إِلَى أَبَدِ الآبِدِينَ». (aiōn g165)١٥
16 Afei, mpanimfoɔ aduonu ɛnan a wɔte wɔn ahennwa so Onyankopɔn anim no de wɔn anim butubutu fam, somm Onyankopɔn,
فَجَثَا الشُّيُوخُ الأَرْبَعَةُ وَالْعِشْرُونَ الجَالِسُونَ عَلَى عُرُوشِهِمْ فِي حَضْرَةِ اللهِ وَخَرُّوا عَلَى وُجُوهِهِمْ سَاجِدِينَ لِلهِ.١٦
17 kaa sɛ, “Yɛda wo ase, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo a wowɔ hɔ na wowɔ hɔ dada, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na wahyɛ aseɛ redi ɔhene.
وَقَالُوا: «نَحْمَدُكَ أَيُّهَا الإِلهُ الْقَدِيرُ عَلَى كُلِّ شَيْءٍ، الْكَائِنُ الَّذِي كَانَ، لأَنَّكَ الآنَ قَدْ تَقَلَّدْتَ قُوَّتَكَ الْعُظْمَى وَبَاشَرْتَ مُلْكَكَ.١٧
18 Amanaman no bo fuiɛ, ɛfiri sɛ wʼabofuo berɛ no aduru a ɛsɛ sɛ wɔbu awufoɔ atɛn. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wobɔ wo nkoa adiyifoɔ no aba so ne wo nkurɔfoɔ a wɔdi wo din ni no, akɛseɛ ne nketewa. Ɛberɛ aduru sɛ wosɛe wɔn a wɔsɛee asase no!”
غَضِبَتْ الشُّعُوبُ عَلَيْكَ، فَجَاءَ دَوْرُ غَضَبِكَ عَلَيْهِمْ. جَاءَتِ السَّاعَةُ لِيُدَانَ الأَمْوَاتُ، وَتُكَافِئَ عَبِيدَكَ الأَنْبِيَاءَ وَالْقِدِّيسِينَ والْمُتَّقِينَ اسْمَكَ، صِغَاراً وَكِبَاراً، وَتُهْلِكَ الَّذِينَ كَانُوا يُدَمِّرُونَ الأَرْضَ!»١٨
19 Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ ɔsoro no bueɛ maa wɔhunuu adaka a apam no wɔ mu no wɔ asɔredan no mu. Afei, anyinam ne aprannaa paapaee, ɛnna asase wosoeɛ na asukɔtweaa bebree nso tɔeɛ.
وَانْفَتَحَ هَيْكَلُ اللهِ فِي السَّمَاءِ، وَظَهَرَ تَابُوتُ الْعَهْدِ فِي دَاخِلِهِ. وَحَدَثَتْ بُرُوقٌ وَأَصْوَاتٌ وَرُعُودٌ وَزَلْزَلَةٌ، وَسَقَطَ بَرَدٌ كَثِيرٌ.١٩

< Adiyisɛm 11 >