< Adiyisɛm 10 >

1 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro resiane ba fam. Na ɔhyɛ omununkum mu a nyankontɔn bɔ ne ti. Na nʼanim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.
I vidjeh drugoga jednog, snažnog anđela: silazio s neba ogrnut oblakom, na glavi mu duga, lice mu kao sunce, a noge kao ognjeno stupovlje;
2 Na nwoma ketewaa bi kura no a wabue mu. Ɔde ne nan nifa sii ɛpo so na benkum no si asase so.
u ruci drži otvorenu knjižicu. I zakorači desnom nogom na more, lijevom na zemlju pa povika iza glasa kao kad lav riče.
3 Ɔde nne kɛseɛ teaam sɛdeɛ gyata bobom. Ɔteaam no, aprannaa nson kasaeɛ.
I kad povika, oglasi se sedam gromova tutnjavom.
4 Wɔkasaeɛ pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nanso, metee nne bi firii ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Ma nsɛm a aprannaa nson no kaeɛ no nka wo tirim. Ntwerɛ!”
A kad se oglasi sedam gromova, htjedoh pisati, ali začujem glas s neba: “Zapečati to što prozbori sedam gromova! Toga ne piši!”
5 Ɛhɔ ara ɔbɔfoɔ a mehunuu sɛ ɔgyina hɔ a ne nan baako si ɛpo so na baako si asase so no maa ne nsa nifa so kɔɔ soro,
I onaj anđeo što ga vidjeh gdje stoji na moru i zemlji, podiže k nebu desnicu
6 na ɔde Onyankopɔn a ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no edin kaa ntam. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Ɛberɛ sɛeɛ biara nni hɔ. (aiōn g165)
i zakle se Živim u vijeke vjekova, koji stvori nebo i sve što je na njemu, zemlju i sve što je na njoj, more i sve što je u njemu: “Neće više biti vremena! (aiōn g165)
7 Na sɛ ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛne ne totorobɛnto no a ansa na Onyankopɔn bɛwie nʼahintasɛm mu nhyehyɛeɛ no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔyɛ adiyifoɔ no.”
Nego - u dane kad se oglasi sedmi anđeo, čim zatrubi, dovršit će se otajstvo Božje kao što on to navijesti slugama svojim prorocima.”
8 Afei, nne a metee sɛ ɛfiri ɔsoro no kasa kyerɛɛ me bio sɛ. “Kɔ na kɔgye nwoma a wabue mu a ɛkura ɔbɔfoɔ a ɔgyina ɛpo ne asase so no.”
I glas što ga začuh s neba opet prozbori sa mnom: “Idi, uzmi otvorenu knjigu iz ruke anđela što stoji na moru i na zemlji!”
9 Mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na kɔwe. Ɛbɛkeka wɔ wo yam, nanso wʼanomu deɛ, ɛbɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ.”
Pristupim k anđelu i zamolim ga da mi dade knjižicu. A on će mi: “Uzmi je i progutaj! Zagorčit će ti utrobu, ali će ti u ustima biti slatka kao med.”
10 Megyee nwoma ketewa no firii ne nsam weeɛ, na ɛyɛɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom. Nanso, memeneeɛ no akyi, ɛmaa me yam kaa me.
Uzeh knjižicu iz ruke anđelove i progutah je. I bijaše mi u ustima kao med slatka, ali kad je progutah, zagorči mi utrobu.
11 Afei, wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ so ka deɛ ɛbɛba kyerɛ aman bebree sofoɔ, kasa ahodoɔ ne ahemfo nso.”
I rečeno mi je: “Treba da ponovno prorokuješ proti pucima i narodima i kraljevima mnogim!”

< Adiyisɛm 10 >