< Nnwom 1 >

1 Nhyira ne onipa a ɔntie amumuyɛfoɔ afotuo na ɔnni nnebɔneyɛfoɔ nhwɛsoɔ akyi na ɔntena fɛdifoɔ tenabea.
Heureux l'homme qui ne suit pas les conseils des méchants Qui ne se tient pas dans la voie des pécheurs, Et qui ne s'assied pas dans la compagnie des moqueurs;
2 Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na ɔdwene ho awia ne anadwo.
Mais qui prend son plaisir dans la loi de l'Éternel, Et qui médite cette loi jour et nuit.
3 Ɔte sɛ dua a wɔatɛ wɔ asutene ho, na ɛso nʼaba ne berɛ mu a nʼahahan no nnwan. Deɛ ɔyɛ biara yɛ yie.
Il sera comme un arbre planté près des eaux courantes, Qui donne ses fruits en leur saison, Et dont le feuillage ne se flétrit point: Tout ce qu'il entreprend lui réussira.
4 Nanso nnebɔneyɛfoɔ nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
Il n'en sera pas ainsi des méchants; Mais ils seront comme la paille emportée par le vent.
5 Enti amumuyɛfoɔ rentumi nnyina atemmuo no ano, na nnebɔneyɛfoɔ nso rentena teneneefoɔ asafo mu.
C'est pourquoi les méchants ne pourront pas subsister Au jour du jugement. Ni les pécheurs dans l'assemblée des justes.
6 Ɛfiri sɛ Awurade kyerɛ ɔteneneeni kwan nanso amumuyɛfoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.
Car l'Eternel veille sur la voie des justes, Mais la voie des méchants mène à la ruine.

< Nnwom 1 >