< Nnwom 98 >
1 Dwom. Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no.
A PSALM. Sing to YHWH a new song, For He has done wonders, His right hand and His holy arm have given salvation to Him.
2 Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.
YHWH has made His salvation known, Before the eyes of the nations, He has revealed His righteousness,
3 Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
He has remembered His kindness, And His faithfulness to the house of Israel, All the ends of the earth have seen the salvation of our God.
4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie;
Shout to YHWH, all the earth, Break forth, and cry aloud, and sing.
5 Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,
Sing to YHWH with harp, With harp, and voice of praise,
6 momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.
With trumpets, and voice of a horn, shout before the King, YHWH.
7 Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.
The sea and its fullness roar, The world and the inhabitants in it.
8 Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;
Floods clap hand, together hills cry aloud,
9 ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.
Before YHWH, For He has come to judge the earth, He judges the world in righteousness, And the people in uprightness!