< Nnwom 95 >

1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.
לכו נרננה ליהוה נריעה לצור ישענו׃
2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.
נקדמה פניו בתודה בזמרות נריע לו׃
3 Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.
כי אל גדול יהוה ומלך גדול על כל אלהים׃
4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no.
אשר בידו מחקרי ארץ ותועפות הרים לו׃
5 Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.
אשר לו הים והוא עשהו ויבשת ידיו יצרו׃
6 Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!
באו נשתחוה ונכרעה נברכה לפני יהוה עשנו׃
7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; yɛyɛ nʼadidibea nnipa, ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,
כי הוא אלהינו ואנחנו עם מרעיתו וצאן ידו היום אם בקלו תשמעו׃
8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,
אל תקשו לבבכם כמריבה כיום מסה במדבר׃
9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.
אשר נסוני אבותיכם בחנוני גם ראו פעלי׃
10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.”
ארבעים שנה אקוט בדור ואמר עם תעי לבב הם והם לא ידעו דרכי׃
11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, “Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”
אשר נשבעתי באפי אם יבאון אל מנוחתי׃

< Nnwom 95 >