< Nnwom 94 >
1 Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.
O Lord God, to whom vengeance belongs; O God, to whom vengeance belongs, show yourself.
2 Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ, tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
Lift up yourself, you judge of the earth: render a reward to the proud.
3 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn, amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?
LORD, how long shall the wicked, how long shall the wicked triumph?
4 Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.
How long shall they utter and speak hard things? and all the workers of iniquity boast themselves?
5 Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ; wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.
They break in pieces your people, O LORD, and afflict your heritage.
6 Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ; na wɔdi nwisiaa awu.
They slay the widow and the stranger, and murder the fatherless.
7 Wɔka sɛ, “Awurade nhunu, Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”
Yet they say, The LORD shall not see, neither shall the God of Jacob regard it.
8 Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu; nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?
Understand, you brutish among the people: and you fools, when will you be wise?
9 Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa? Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?
He that planted the ear, shall he not hear? he that formed the eye, shall he not see?
10 Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa? Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?
He that chastises the heathen, shall not he correct? he that teaches man knowledge, shall not he know?
11 Awurade nim onipa nsusuiɛ; ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.
The LORD knows the thoughts of man, that they are vanity.
12 Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so, onipa a wokyerɛ no wo mmara no;
Blessed is the man whom you chasten, O LORD, and teach him out of your law;
13 Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu, kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ.
That you may give him rest from the days of adversity, until the pit be dig for the wicked.
14 Awurade rempo ne nkurɔfoɔ; na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.
For the LORD will not cast off his people, neither will he forsake his inheritance.
15 Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio, na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so.
But judgment shall return to righteousness: and all the upright in heart shall follow it.
16 Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me? Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?
Who will rise up for me against the evildoers? or who will stand up for me against the workers of iniquity?
17 Sɛ Awurade ammoa me a, anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.
Unless the LORD had been my help, my soul had almost dwelled in silence.
18 Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no, Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.
When I said, My foot slips; your mercy, O LORD, held me up.
19 Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no, wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.
In the multitude of my thoughts within me your comforts delight my soul.
20 Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa? Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?
Shall the throne of iniquity have fellowship with you, which frames mischief by a law?
21 Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔ na wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.
They gather themselves together against the soul of the righteous, and condemn the innocent blood.
22 Nanso Awurade yɛ mʼaban; na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.
But the LORD is my defense; and my God is the rock of my refuge.
23 Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so ka na wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.
And he shall bring on them their own iniquity, and shall cut them off in their own wickedness; yes, the LORD our God shall cut them off.