< Nnwom 90 >
1 Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ. Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
προσευχὴ τοῦ Μωυσῆ ἀνθρώπου τοῦ θεοῦ κύριε καταφυγὴ ἐγενήθης ἡμῖν ἐν γενεᾷ καὶ γενεᾷ
2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no, na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.
πρὸ τοῦ ὄρη γενηθῆναι καὶ πλασθῆναι τὴν γῆν καὶ τὴν οἰκουμένην καὶ ἀπὸ τοῦ αἰῶνος ἕως τοῦ αἰῶνος σὺ εἶ
3 Woma adasamma sane dane mfuturo, ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.”
μὴ ἀποστρέψῃς ἄνθρωπον εἰς ταπείνωσιν καὶ εἶπας ἐπιστρέψατε υἱοὶ ἀνθρώπων
4 Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛ da koro a abɛsene seesei, anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.
ὅτι χίλια ἔτη ἐν ὀφθαλμοῖς σου ὡς ἡ ἡμέρα ἡ ἐχθές ἥτις διῆλθεν καὶ φυλακὴ ἐν νυκτί
5 Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu; wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa,
τὰ ἐξουδενώματα αὐτῶν ἔτη ἔσονται τὸ πρωὶ ὡσεὶ χλόη παρέλθοι
6 ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ, nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.
τὸ πρωὶ ἀνθήσαι καὶ παρέλθοι τὸ ἑσπέρας ἀποπέσοι σκληρυνθείη καὶ ξηρανθείη
7 Yɛresa wɔ wʼabofuo ano na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.
ὅτι ἐξελίπομεν ἐν τῇ ὀργῇ σου καὶ ἐν τῷ θυμῷ σου ἐταράχθημεν
8 Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim, na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.
ἔθου τὰς ἀνομίας ἡμῶν ἐνώπιόν σου ὁ αἰὼν ἡμῶν εἰς φωτισμὸν τοῦ προσώπου σου
9 Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu; na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.
ὅτι πᾶσαι αἱ ἡμέραι ἡμῶν ἐξέλιπον καὶ ἐν τῇ ὀργῇ σου ἐξελίπομεν τὰ ἔτη ἡμῶν ὡς ἀράχνην ἐμελέτων
10 Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson, anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a; na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.
αἱ ἡμέραι τῶν ἐτῶν ἡμῶν ἐν αὐτοῖς ἑβδομήκοντα ἔτη ἐὰν δὲ ἐν δυναστείαις ὀγδοήκοντα ἔτη καὶ τὸ πλεῖον αὐτῶν κόπος καὶ πόνος ὅτι ἐπῆλθεν πραΰτης ἐφ’ ἡμᾶς καὶ παιδευθησόμεθα
11 Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.
τίς γινώσκει τὸ κράτος τῆς ὀργῆς σου καὶ ἀπὸ τοῦ φόβου σου τὸν θυμόν σου
12 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma.
ἐξαριθμήσασθαι τὴν δεξιάν σου οὕτως γνώρισον καὶ τοὺς πεπεδημένους τῇ καρδίᾳ ἐν σοφίᾳ
13 Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn? Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.
ἐπίστρεψον κύριε ἕως πότε καὶ παρακλήθητι ἐπὶ τοῖς δούλοις σου
14 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu, na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.
ἐνεπλήσθημεν τὸ πρωὶ τοῦ ἐλέους σου καὶ ἠγαλλιασάμεθα καὶ εὐφράνθημεν ἐν πάσαις ταῖς ἡμέραις ἡμῶν
15 Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no, sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.
εὐφράνθημεν ἀνθ’ ὧν ἡμερῶν ἐταπείνωσας ἡμᾶς ἐτῶν ὧν εἴδομεν κακά
16 Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.
καὶ ἰδὲ ἐπὶ τοὺς δούλους σου καὶ τὰ ἔργα σου καὶ ὁδήγησον τοὺς υἱοὺς αὐτῶν
17 Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so; na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.
καὶ ἔστω ἡ λαμπρότης κυρίου τοῦ θεοῦ ἡμῶν ἐφ’ ἡμᾶς καὶ τὰ ἔργα τῶν χειρῶν ἡμῶν κατεύθυνον ἐφ’ ἡμᾶς