< Nnwom 89 >
1 Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom. Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa; mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
A maschil of Ethan the Ezrahite. I will sing of Yahweh's acts of covenant faithfulness forever. I will proclaim your truthfulness to future generations.
2 Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa, na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.
For I have said, “Covenant faithfulness has been established forever; your truthfulness you have established in the heavens.”
3 Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam; maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.
“I have made a covenant with my chosen one, I have made an oath to David my servant.
4 ‘Mɛma wʼase atim hɔ daa na wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’”
I will establish your descendants forever, and I will establish your throne through all generations.” (Selah)
5 Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ, na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu.
The heavens praise your wonders, Yahweh; your truthfulness is praised in the assembly of the holy ones.
6 Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ? Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?
For who in the skies can be compared to Yahweh? Who among the sons of the gods is like Yahweh?
7 Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn; wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.
He is a God who is greatly honored in the council of the holy ones and is awesome among all who surround him.
8 Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ? Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.
Yahweh God of hosts, who is strong like you, Yahweh? Your truthfulness surrounds you.
9 Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so; nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.
You rule the raging sea; when the waves surge, you calm them.
10 Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako; wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.
You crushed Rahab as one who is killed. You scattered your enemies with your strong arm.
11 Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo; ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.
The heavens belong to you, and the earth also. You made the world and all it contains.
12 Wobɔɔ atifi ne anafoɔ. Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.
You created the north and the south. Tabor and Hermon rejoice in your name.
13 Tumi ayɛ wo basa ma; wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so.
You have a mighty arm and a strong hand, and your right hand is high.
14 Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee; adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.
Righteousness and justice are the foundation of your throne. Covenant faithfulness and trustworthiness come before you.
15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin, wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.
Blessed are the people who worship you! Yahweh, they walk in the light of your face.
16 Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa; wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.
They rejoice in your name all day long, and in your righteousness they exalt you.
17 Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden, na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.
You are their majestic strength, and by your favor we are victorious.
18 Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ, na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.
For our shield belongs to Yahweh; our king belongs to the Holy One of Israel.
19 Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu, kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ, “Madom ɔkofoni bi ahoɔden; mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.
Long ago you spoke in a vision to your faithful ones; you said, “I have set a crown on a mighty one.” I have raised up one chosen from among the people.
20 Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ; mede me ngo kronkron no asra no.
I have chosen David my servant; with my holy oil have I anointed him.
21 Me nsa bɛwowa no; ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.
My hand will support him; my arm will strengthen him.
22 Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ; omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.
No enemy will deceive him; no son of wickedness will oppress him.
23 Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanim na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.
I will crush his enemies before him; I will kill those who hate him.
24 Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho, na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.
My truth and my covenant faithfulness will be with him; by my name he will be victorious.
25 Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so, na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.
I will place his hand over the sea and his right hand over the rivers.
26 Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya, me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’
He will call out to me, 'You are my Father, my God, and the rock of my salvation.'
27 Mɛyɛ no mʼabakan, asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.
I also will place him as my firstborn son, the most exalted of the kings of the earth.
28 Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa, na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.
I will extend my covenant faithfulness to him forever; and my covenant with him will be secure.
29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ, nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam.
I will make his descendants endure forever and his throne as enduring as the skies above.
30 “Sɛ ne mmammarima po me mmara na sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,
If his children forsake my law and do not walk in my regulations,
31 sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ so na sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,
if they break my rules and do not keep my commands,
32 ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;
then will I punish their rebellion with a rod and their iniquity with blows.
33 Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no na mɛkɔ so adi no nokorɛ.
But I will not remove my steadfast love from him or be unfaithful to my promise.
34 Meremmu mʼapam no so na merensesa deɛ mede mʼano aka no.
I will not break my covenant or change the words of my lips.
35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko, na merentwa Dawid atorɔ da.
Once and for all I have sworn by my holiness— I will not lie to David:
36 Meremma nʼase ntɔre da na nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia;
his descendants will continue forever and his throne as long as the sun before me.
37 ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane, ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”
It will be established forever like the moon, the faithful witness in the sky.” (Selah)
38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi wo bo afu deɛ woasra no ngo no.
But you have refused and rejected; you have been angry with your anointed king.
39 Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no woagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.
You have renounced the covenant of your servant. You have desecrated his crown on the ground.
40 Woabubu nʼafasuo nyinaa ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.
You have broken down all his walls. You have ruined his strongholds.
41 Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa; na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.
All who pass by have robbed him. He has become an object of disgust to his neighbors.
42 Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so; ama wɔn nyinaa di ahurisie.
You have raised the right hand of his enemies; you have made all his enemies rejoice.
43 Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa, na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.
You turn back the edge of his sword and have not made him stand when in battle.
44 Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ na woato nʼahennwa atwene fam.
You have brought his splendor to an end; you have brought down his throne to the ground.
45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.
You have shortened the days of his youth. You have covered him with shame. (Selah)
46 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa? Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?
How long, Yahweh? Will you hide yourself, forever? How long will your anger burn like fire?
47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so. Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!
Oh, think about how short my time is, and for what uselessness you have created all the children of mankind!
48 Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da? Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam? (Sheol )
Who can live and not die, or rescue his own life from the hand of Sheol? (Selah) (Sheol )
49 Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ, deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?
Lord, where are your former acts of covenant faithfulness that you swore to David in your truthfulness?
50 Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛ ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.
Call to mind, Lord, the mocking directed against your servants and how I bear in my heart so many insults from the nations.
51 Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw, de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.
Your enemies hurl insults, Yahweh; they mock the footsteps of your anointed one.
52 Ayɛyie nka Awurade daa!
Blessed be Yahweh forever. Amen and Amen.