< Nnwom 87 >
1 Kora mma dwom. Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;
Su cimiento es en montes de santidad.
2 Awurade dɔ Sion apono no sene Yakob atenaeɛ nyinaa.
Ama Jehová las puertas de Sión, más que todas las moradas de Jacob.
3 Wɔka wo ho animuonyamsɛm Ao Onyankopɔn kuropɔn:
Cosas ilustres son dichas de ti, ciudad de Dios. (Selah)
4 “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’”
Yo me acordaré de Rahab y de Babilonia, entre los que me conocen: he aquí Palestina, y Tiro, con Etiopía: este nació allá.
5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ, “Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
Y de Sión se dirá: Este, y aquel es nacido en ella: y el mismo Altísimo la fortificará.
6 Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ, “Wɔwoo yei wɔ Sion.”
Jehová contará, cuando se escribieren los pueblos: Este nació allí. (Selah)
7 Na wɔbɛto dwom sɛ, “Me nhini nyinaa wɔ wo mu.” Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.
Y cantores con músicos de flautas: todas mis fuentes estarán en ti.