< Nnwom 85 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ; wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.
For the music director. A psalm of the descendants of Korah Lord, you have shown your kindness to your land; you have restored Jacob's prosperity.
2 Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
You took away your people's guilt; you forgave all their sins. (Selah)
3 Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.
You took back your fury; you turned away from your fierce anger.
4 Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho.
Bring us back to you, God of our salvation! Take away your anger towards us.
5 Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?
Are you going to be furious with us forever? Will you stay angry with us for all future generations?
6 Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?
Won't you restore our lives so your people can find happiness in you?
7 Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.
Show us your trustworthy love, Lord! Give us your salvation!
8 Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka. Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho.
Let me hear what God has to say. God speaks peace to his people, to those who trust in him. But they must not return to their foolish ways.
9 Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.
Truly God's salvation is with those who do as he says. His glorious presence will live with us in our land.
10 Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.
Trustworthiness and faithful love join together; goodness and peace have kissed each other.
11 Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro.
What is true grows up from the earth; what is right looks down from heaven.
12 Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.
The Lord will certainly give us all that is good, and our land will produce fine crops.
13 Tenenee di nʼanim siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.
Truth and right go ahead of him to prepare a path for him to walk on.

< Nnwom 85 >