< Nnwom 84 >

1 Kora mma dwom. Ao Asafo Awurade, wʼatenaeɛ hɔ yɛ ahomeka!
Unto the end, for the winepresses, a psalm for the sons of Core. How lovely are thy tabernacles, O Lord of host!
2 Me kra pere, mpo ɛtɔ piti, sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ; mʼakoma ne me honam team frɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.
My soul longeth and fainteth for the courts of the Lord. My heart and my flesh have rejoiced in the living God.
3 Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.
For the sparrow hath found herself a house, and the turtle a nest for herself where she may lay her young ones: Thy altars, O Lord of hosts, my king and my God.
4 Nhyira nka wɔn a wɔte wo fie; na wɔkamfo wo din daa.
Blessed are they that dwell in thy house, O Lord: they shall praise thee for ever and ever.
5 Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden, na wɔde wɔn akoma hyɛ akwantuo ase kɔhwehwɛ wo.
Blessed is the man whose help is from thee: in his heart he hath disposed to ascend by steps,
6 Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a, wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa; osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.
In the vale of tears, in the place which be hath set.
7 Wɔkɔ no ahoɔden so berɛ nyinaa, kɔsi sɛ wɔn mu biara bɛpue Onyankopɔn anim wɔ Sion.
For the lawgiver shall give a blessing, they shall go from virtue to virtue: the God of gods shall be seen in Sion.
8 Ao Asafo Awurade, Onyankopɔn tie me mpaeɛbɔ; Ao Yakob Onyankopɔn, yɛ aso ma me.
O Lord God of hosts, hear my prayer: give ear, O God of Jacob.
9 Ao Onyankopɔn, hwɛ yɛn akokyɛm; fa ahummɔborɔ hwɛ deɛ woasra no ngo no.
Behold, O God our protector: and look on the face of thy Christ.
10 Wʼadihɔ hɔ da korɔ tena yɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ; mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fie sene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.
For better is one day in thy courts above thousands. I have chosen to be an abject in the house of my God, rather than to dwell in the tabernacles of sinners.
11 Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam; ɔremfa ade pa biara nkame wɔn a wɔteneɛ.
For God loveth mercy and truth: the Lord will give grace and glory.
12 Ao Asafo Awurade, nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
He will not deprive of good things them that walk in innocence: O Lord of hosts, blessed is the man that trusteth in thee.

< Nnwom 84 >