< Nnwom 83 >

1 Asaf Dwom. Ao Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao Onyankopɔn, keka wo ho.
A Song; a Psalm of Asaph. O God, keep not silence; hold not thy peace, and be not still, O God:
2 Hwɛ sɛdeɛ wʼatamfoɔ keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn tiri so.
For behold, thine enemies make a tumult; and they that hate thee lift up the head.
3 Wɔde anifire repam atia wo nkurɔfoɔ wɔrepam atia wɔn a wʼakoma da wɔn so no.
They take crafty counsel against thy people, and consult against thy hidden ones:
4 Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”
They say, Come, and let us cut them off from being a nation, and let the name of Israel be mentioned no more.
5 Wɔde adwene korɔ bɔ pɔ; na wɔpam tia wo,
For they have consulted together with one heart: they have made an alliance together against thee.
6 Edom ntomadan ne Ismaelfoɔ, Moabfoɔ ne Hagarfoɔ,
The tents of Edom and the Ishmaelites, Moab and the Hagarites;
7 Gebalfoɔ ne Amonfoɔ ne Amalekfoɔ, Filistifoɔ ne Tirofoɔ.
Gebal, and Ammon, and Amalek; Philistia, with the inhabitants of Tyre;
8 Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefoɔ deɛ mu kena.
Asshur also is joined with them: they are an arm to the sons of Lot. (Selah)
9 Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian sɛdeɛ woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,
Do unto them as to Midian; as to Sisera, as to Jabin, at the torrent of Kishon:
10 wɔn a wɔsɛee wɔ En-Dor na wɔdanee nwira no.
Who were destroyed at Endor; they became as dung for the ground.
11 Yɛ wɔn atitire sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,
Make their nobles as Oreb and as Zeeb; and all their chiefs as Zebah and as Zalmunna.
12 a wɔkaa sɛ, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no.”
For they have said, Let us take to ourselves God's dwelling-places in possession.
13 Ao me Onyankopɔn, yɛ wɔn sɛ twahoframa mu mfuturo, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.
O my God, make them like a whirling thing, like stubble before the wind.
14 Sɛdeɛ ogya hye kwaeɛ, na ogyaframa sɔ nkokoɔ mu hye no no,
As fire burneth a forest, and as the flame setteth the mountains on fire,
15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.
So pursue them with thy tempest, and terrify them with thy whirlwind.
16 Ma animguaseɛ nka wɔn, na ama nnipa apɛ wo din akyiri ɛkwan, Ao Awurade.
Fill their faces with shame, that they may seek thy name, O Jehovah.
17 Ma wɔn anim ngu ase na wɔn abasa mu ntu; ma wɔnwuwu wɔ animguaseɛ mu.
Let them be put to shame and be dismayed for ever, and let them be confounded and perish:
18 Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa.
That they may know that thou alone, whose name is Jehovah, art the Most High over all the earth.

< Nnwom 83 >