< Nnwom 82 >

1 Asaf dwom. Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.
Псалом Асафа. Бог стал в сонме богов; среди богов произнес суд:
2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?
доколе будете вы судить неправедно и оказывать лицеприятие нечестивым?
3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.
Давайте суд бедному и сироте; угнетенному и нищему оказывайте справедливость;
4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
избавляйте бедного и нищего; исторгайте его из руки нечестивых.
5 “Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso.
Не знают, не разумеют, во тьме ходят; все основания земли колеблются.
6 “Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
Я сказал: вы - боги, и сыны Всевышнего - все вы;
7 Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”
но вы умрете, как человеки, и падете, как всякий из князей.
8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.
Восстань, Боже, суди землю, ибо Ты наследуешь все народы.

< Nnwom 82 >