< Nnwom 80 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so. Asaf dwom. Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so. Asaf dwom. Israel guanhwɛfo, tie yɛn, wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim; wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn
2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyane wo tumi; bra bɛgye yɛn nkwa.
wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyan wo tumi; bra begye yɛn nkwa.
3 Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
4 Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛn wʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?
Asafo Awurade Nyankopɔn, wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn, wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no?
5 Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ; wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.
Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii; wode nusu kuruwama maa wɔn nomee.
6 Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa, na yɛn atamfoɔ sere yɛn.
Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho, na yɛn atamfo serew yɛn.
7 Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
8 Wode bobe firi Misraim baeɛ; wopamoo amanaman no na woduaaɛ.
Wutuu bobe fi Misraim beduae; wopam amanaman no na wuduae.
9 Wosiesiee asase no baabi maa no, ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.
Wosiesiee asase no baabi maa no, egyee ntin na ɛtrɛw asase no so.
10 Ne nwunu kataa mmepɔ no so ne mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.
Ne nwini kataa mmepɔw no so ne mman kataa sida akɛse no so.
11 Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so, na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.
Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so, na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho.
12 Adɛn enti na woabubu nʼafasuo ama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?
Adɛn nti na woabubu nʼafasu ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no?
13 Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.
Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan.
14 Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn! Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu! Hwɛ saa bobe yi so,
Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn! fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu! Hwɛ saa bobe yi so,
15 ntini a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.
ntin a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no.
16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye; wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.
Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew; wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre.
17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatete no ama wo ho no.
Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatetew no ama wo ho no.
18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn; kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn; kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.
19 Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.
Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.

< Nnwom 80 >