< Nnwom 8 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,
Az éneklőmesternek a gittithre; Dávid zsoltára. Mi Urunk Istenünk, mily felséges a te neved az egész földön, a ki az egekre helyezted dicsőségedet.
2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.
A csecsemők és csecsszopók szájával erősítetted meg hatalmadat a te ellenségeid miatt, hogy a gyűlölködőt és bosszúállót elnémítsd.
3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,
Mikor látom egeidet, a te újjaidnak munkáját; a holdat és a csillagokat, a melyeket teremtettél:
4 onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?
Micsoda az ember – mondom – hogy megemlékezel róla? és az embernek fia, hogy gondod van reá?
5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.
Hiszen kevéssel tetted őt kisebbé az Istennél, és dicsőséggel és tisztességgel megkoronáztad őt!
6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:
Úrrá tetted őt kezeid munkáin, mindent lábai alá vetettél;
7 nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso,
Juhokat és mindenféle barmot, és még a mezőnek vadait is;
8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.
Az ég madarait és a tenger halait, mindent, a mi a tenger ösvényein jár.
9 Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!
Mi Urunk Istenünk, mily felséges a te neved az egész földön!

< Nnwom 8 >