< Nnwom 8 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so. Dawid dwom. Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa, 2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano. 3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a, 4 onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho? 5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire. 6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase: 7 nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso, 8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa. 9 Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

< Nnwom 8 >