< Nnwom 78 >
1 Asaf dwom. Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.
A Maskil of Asaph. Give ear, O my people, to my instruction; listen to the words of my mouth.
2 Mɛkasa wɔ abɛbuo mu, mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
I will open my mouth in parables; I will utter things hidden from the beginning,
3 nneɛma a yɛate na yɛahunu; nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
that we have heard and known and our fathers have relayed to us.
4 Yɛremfa nkame wɔn mma; yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no, ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.
We will not hide them from their children, but will declare to the next generation the praises of the LORD and His might, and the wonders He has performed.
5 Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel, deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
For He established a testimony in Jacob and appointed a law in Israel, which He commanded our fathers to teach to their children,
6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
that the coming generation would know them— even children yet to be born— to arise and tell their own children
7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ, na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.
that they should put their confidence in God, not forgetting His works, but keeping His commandments.
8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom, a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛ na woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.
Then they will not be like their fathers, a stubborn and rebellious generation, whose heart was not loyal, whose spirit was not faithful to God.
9 Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan, nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;
The archers of Ephraim turned back on the day of battle.
10 Wɔanni Onyankopɔn apam no so wɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so.
They failed to keep God’s covenant and refused to live by His law.
11 Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ, anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.
They forgot what He had done, the wonders He had shown them.
12 Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom anim wɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.
He worked wonders before their fathers in the land of Egypt, in the region of Zoan.
13 Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu. Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.
He split the sea and brought them through; He set the waters upright like a wall.
14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia na ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.
He led them with a cloud by day and with a light of fire all night.
15 Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so, na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo;
He split the rocks in the wilderness and gave them drink as abundant as the seas.
16 Ɔmaa asutire firii abotan mu na ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene.
He brought streams from the stone and made water flow down like rivers.
17 Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no, wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.
But they continued to sin against Him, rebelling in the desert against the Most High.
18 Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ; wɔbisaa aduane a wɔpɛ.
They willfully tested God by demanding the food they craved.
19 Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ, “Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?
They spoke against God, saying, “Can God really prepare a table in the wilderness?
20 Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ, na nsuwa bebree tenee hɔ. Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso? Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”
When He struck the rock, water gushed out and torrents raged. But can He also give bread or supply His people with meat?”
21 Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie; ne ogya bɛguu Yakob so, na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,
Therefore the LORD heard and was filled with wrath; so a fire was kindled against Jacob, and His anger flared against Israel,
22 ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidie anaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.
because they did not believe God or rely on His salvation.
23 Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so; na ɔbuee ɔsorosoro apono.
Yet He commanded the clouds above and opened the doors of the heavens.
24 Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni, ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.
He rained down manna for them to eat; He gave them grain from heaven.
25 Nnipa dii abɔfoɔ aduane; ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.
Man ate the bread of angels; He sent them food in abundance.
26 Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro, na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.
He stirred the east wind from the heavens and drove the south wind by His might.
27 Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so, nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.
He rained meat on them like dust, and winged birds like the sand of the sea.
28 Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ, ne wɔn ntomadan ho nyinaa.
He felled them in the midst of their camp, all around their dwellings.
29 Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn so ɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.
So they ate and were well filled, for He gave them what they craved.
30 Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho, ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,
Yet before they had filled their desire, with the food still in their mouths,
31 Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so; ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mu twitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.
God’s anger flared against them, and He put to death their strongest and subdued the young men of Israel.
32 Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne; nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.
In spite of all this, they kept on sinning; despite His wonderful works, they did not believe.
33 Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuro yɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.
So He ended their days in futility, and their years in sudden terror.
34 Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no, na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.
When He slew them, they would seek Him; they repented and searched for God.
35 Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan, sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.
And they remembered that God was their Rock, that God Most High was their Redeemer.
36 Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no, na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;
But they deceived Him with their mouths, and lied to Him with their tongues.
37 wɔn akoma anni no nokorɛ, na wɔanni nʼapam no so.
Their hearts were disloyal to Him, and they were unfaithful to His covenant.
38 Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ; ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔn a wansɛe wɔn. Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo so na wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.
And yet He was compassionate; He forgave their iniquity and did not destroy them. He often restrained His anger and did not unleash His full wrath.
39 Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa, mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.
He remembered that they were but flesh, a passing breeze that does not return.
40 Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so?
How often they disobeyed Him in the wilderness and grieved Him in the desert!
41 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara; na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.
Again and again they tested God and provoked the Holy One of Israel.
42 Wɔn werɛ firii ne tumi no, ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,
They did not remember His power — the day He redeemed them from the adversary,
43 ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim no ne nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no.
when He performed His signs in Egypt and His wonders in the fields of Zoan.
44 Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya; wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.
He turned their rivers to blood, and from their streams they could not drink.
45 Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔn na mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.
He sent swarms of flies that devoured them, and frogs that devastated them.
46 Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduane na ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.
He gave their crops to the grasshopper, the fruit of their labor to the locust.
47 Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe na ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.
He killed their vines with hailstones and their sycamore-figs with sleet.
48 Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwie ɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.
He abandoned their cattle to the hail and their livestock to bolts of lightning.
49 Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, abufuo, anibereɛ ne ahohia; abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.
He unleashed His fury against them, wrath, indignation, and calamity— a band of destroying angels.
50 Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo; na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔn mmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.
He cleared a path for His anger; He did not spare them from death but delivered their lives to the plague.
51 Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa, Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.
He struck all the firstborn of Egypt, the virility in the tents of Ham.
52 Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo; ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so.
He led out His people like sheep and guided them like a flock in the wilderness.
53 Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro; nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.
He led them safely, so they did not fear, but the sea engulfed their enemies.
54 Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so, bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.
He brought them to His holy land, to the mountain His right hand had acquired.
55 Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim no na ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ; ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.
He drove out nations before them and apportioned their inheritance; He settled the tribes of Israel in their tents.
56 Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ na wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no; na wɔanni ne mmara so.
But they tested and disobeyed God Most High, for they did not keep His decrees.
57 Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie, ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.
They turned back and were faithless like their fathers, twisted like a faulty bow.
58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuo na wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.
They enraged Him with their high places and provoked His jealousy with their idols.
59 Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ; na ɔpoo Israel korakora.
On hearing it, God was furious and rejected Israel completely.
60 Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔ ntomadan a wasi wɔ nnipa mu no.
He abandoned the tabernacle of Shiloh, the tent He had pitched among men.
61 Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu, nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.
He delivered His strength to captivity, and His splendor to the hand of the adversary.
62 Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena; ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.
He surrendered His people to the sword because He was enraged by His heritage.
63 Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn, na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;
Fire consumed His young men, and their maidens were left without wedding songs.
64 Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano, na wɔn akunafoɔ antumi ansu.
His priests fell by the sword, but their widows could not lament.
65 Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no, sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.
Then the Lord awoke as from sleep, like a mighty warrior overcome by wine.
66 Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi; ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.
He beat back His foes; He put them to everlasting shame.
67 Afei ɔpoo Yosef ntomadan no, na wamfa Efraim abusuakuo no nso;
He rejected the tent of Joseph and refused the tribe of Ephraim.
68 Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no, Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.
But He chose the tribe of Judah, Mount Zion, which He loved.
69 Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea, te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.
He built His sanctuary like the heights, like the earth He has established forever.
70 Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid; ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu
He chose David His servant and took him from the sheepfolds;
71 firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛ sɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob, mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.
from tending the ewes He brought him to be shepherd of His people Jacob, of Israel His inheritance.
72 Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn so na ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.
So David shepherded them with integrity of heart and guided them with skillful hands.