< Nnwom 77 >

1 Asaf dwom. Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me.
Asaf dwom. Misu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; misu mefrɛɛ no sɛ ontie me.
2 Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛɛ me nsa a ɛmpa aba mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
Bere a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade; metrɛw me nsa a ɛmpa abaw mu anadwo na me kra ampene sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ.
3 Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie; medwendweneeɛ, na me honhom tɔɔ piti.
Onyankopɔn mekaee wo, na misii apini; medwenee, na me honhom tɔɔ beraw.
4 Woamma mʼani ankum; amanehunu dodoɔ enti, mantumi ankasa.
Woamma mʼani ankum; amanehunu dodow nti, mantumi ankasa.
5 Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfeɛ no ho;
Medwenee nna a atwam no ho, teteete mfe no ho;
6 mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Mʼakoma dwenee ho na me honhom bisaa sɛ:
mekaee me nnwom a na meto no anadwo. Me koma dwenee ho na me honhom bisae se:
7 “Enti, Awurade bɛpo yɛn daa? Ɔrenhunu yɛn mmɔbɔ bio anaa?
“Enti, Awurade bɛpo yɛn daa? Ɔrenhu yɛn mmɔbɔ bio ana?
8 Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa? Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa anaa?
Nʼadɔe a ɛnsa da atu ayera koraa ana? Na ne bɔhyɛ no, amma mu koraa ana?
9 Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa? Abufuo enti ne yam nhyehye no bio anaa?”
Onyankopɔn werɛ afi sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufo ana? Ɔde abufuw atwe nʼayamhyehye no asan ana?”
10 Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni, deɛ ɛhyɛ me kra so ne sɛ, wommfa wo tete nsa nifa no mmoa yɛn bio.”
Afei misusuwii se, “Eyi de, mɛsrɛ: mfe a Ɔsorosoroni no teɛɛ ne nsa nifa mu no.”
11 Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ; aane, mɛkae wʼanwanwadeɛ a woyɛɛ tete no.
Mɛkae nneɛma a Awurade ayɛ; yiw, mɛkae wo tete anwonwade no.
12 Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusu wo nneyɛɛ akɛseɛ nyinaa ho.
Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho na masusuw wo nneyɛe akɛse nyinaa ho.
13 Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Onyankopɔn?
Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronkron. Onyame bɛn na ɔso sɛ yɛn Nyankopɔn?
14 Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
Wone Onyankopɔn a woyɛ anwonwade; wokyerɛ wo tumi wɔ aman mu.
15 Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ, Yakob ne Yosef asefoɔ no.
Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfo, Yakob ne Yosef asefo no.
16 Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo, nsuo no hunuu wo na wɔpopoeɛ; ebunu no mpo ho wosoeɛ.
Onyankopɔn, nsu no huu wo, nsu no huu wo na wɔpopoe; bun no mpo ho wosowee.
17 Omununkum tɔɔ nsuo, aprannaa gyegyee wɔ soro; na wo bɛmma twaa ogya dii akɔneaba.
Omununkum tɔɔ nsu, aprannaa gyigyee wɔ ɔsoro; na wo bɛmma paa gya dii akɔneaba.
18 Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu, wʼanyinam hyerɛn ewiase; asase popoeɛ na ɛwosoeɛ.
Wʼaprannaa bobɔɔ mu wɔ mfɛtɛ no mu, wʼanyinam hyerɛn wiase; asase popoe, na ɛwosowee.
19 Wode wo kwan faa ɛpo mu, wode faa nsuo kɛseɛ mu, nanso wɔanhunu wʼanammɔn.
Wode wo kwan faa po mu, wode faa nsu kɛse mu, nanso wɔanhu wʼanammɔn.
20 Wonam Mose ne Aaron so dii wo nkurɔfoɔ anim sɛ nnwankuo.
Wonam Mose ne Aaron abasa so, dii wo nkurɔfo anim sɛ nguankuw.

< Nnwom 77 >