< Nnwom 75 >

1 Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.
למנצח אל-תשחת מזמור לאסף שיר ב הודינו לך אלהים--הודינו וקרוב שמך ספרו נפלאותיך
2 Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.
כי אקח מועד אני מישרים אשפט
3 Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
נמגים ארץ וכל-ישביה אנכי תכנתי עמודיה סלה
4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.
אמרתי להוללים אל-תהלו ולרשעים אל-תרימו קרן
5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’”
אל-תרימו למרום קרנכם תדברו בצואר עתק
6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.
כי לא ממוצא וממערב ולא ממדבר הרים
7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.
כי-אלהים שפט זה ישפיל וזה ירים
8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo.
כי כוס ביד-יהוה ויין חמר מלא מסך-- ויגר מזה אך-שמריה ימצו ישתו כל רשעי-ארץ
9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.
ואני אגיד לעלם אזמרה לאלהי יעקב
10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.
וכל-קרני רשעים אגדע תרוממנה קרנות צדיק

< Nnwom 75 >