< Nnwom 75 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so. Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn; nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.
To the chief Musician. 'Destroy not.' A Psalm of Asaph: a Song. Unto thee we give thanks, O God, we give thanks; and thy name is near: thy marvellous works declare it.
2 Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no; ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.
When I shall receive the assembly, I will judge with equity.
3 Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a, me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.
The earth and all the inhabitants thereof are dissolved: I have established its pillars. (Selah)
4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’ na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.
I said unto the boastful, Boast not; and to the wicked, Lift not up the horn:
5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro; mommfa animtiabuo nkasa.’”
Lift not up your horn on high; speak not arrogantly with a [stiff] neck.
6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.
For not from the east nor from the west, nor yet from the south doth exaltation [come]:
7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn: Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.
For God is the judge; he putteth down one and exalteth another.
8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma; ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa nom ma ɛka aseɛ puo.
For in the hand of Jehovah there is a cup, and it foameth with wine, it is full of mixture; and he poureth out of the same; yea, the dregs thereof shall all the wicked of the earth drain off, [and] drink.
9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa; mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.
But as for me, I will declare for ever; I will sing psalms to the God of Jacob.
10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn, nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.
And all the horns of the wicked will I cut off; [but] the horns of the righteous shall be exalted.

< Nnwom 75 >