< Nnwom 74 >

1 Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi? Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?
[A contemplation by Asaph.] God, why have you rejected us forever? Why does your anger smolder against the sheep of your pasture?
2 Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no, abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no, Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.
Remember your congregation, which you purchased of old, which you have redeemed to be the tribe of your inheritance; Mount Zion, in which you have lived.
3 Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so, saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.
Lift up your feet to the perpetual ruins, all the evil that the enemy has done in the sanctuary.
4 Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no; wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.
Your adversaries have roared in the midst of your assembly. They have set up their standards as signs.
5 Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
They behaved like men wielding axes, cutting through a thicket of trees.
6 Wɔde wɔn mmonnua ne nname bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.
Now they break all its carved work down with hatchet and hammers.
7 Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee; wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.
They have burned your sanctuary to the ground. They have profaned the dwelling place of your Name.
8 Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!” Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
They said in their heart, "We will crush them completely." They have burned up all the places in the land where God was worshiped.
9 Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio; adiyifoɔ no nyinaa asa, na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.
We see no miraculous signs. There is no longer any prophet, neither is there among us anyone who knows how long.
10 Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn? Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?
How long, God, shall the enemy mock? Shall the enemy blaspheme your name forever?
11 Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no? Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.
Why do you draw back your hand, even your right hand? Take it out of your pocket and consume them.
12 Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete; wode nkwagyeɛ ba asase so.
Yet God is my King from long ago, working salvation in the midst of the earth.
13 Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no; wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti.
You divided the sea by your strength. You broke the heads of the sea monsters in the waters.
14 Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane.
You broke the heads of Leviathan in pieces. You gave him as food to people and desert creatures.
15 Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ; na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ.
You opened up spring and stream. You dried up mighty rivers.
16 Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea; wode owia ne ɔsrane sisii hɔ.
The day is yours, the night is also yours. You have prepared the light and the sun.
17 Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa; wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ.
You have set all the boundaries of the earth. You have made summer and winter.
18 Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ, sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.
Remember this, that the enemy has mocked you, LORD. Foolish people have blasphemed your name.
19 Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa; mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ.
Do not deliver the soul of your dove to wild beasts. Do not forget the life of your poor forever.
20 Ma wʼapam no ho nhia wo, ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma.
Honor your covenant, for haunts of violence fill the dark places of the earth.
21 Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.
Do not let the oppressed return ashamed. Let the poor and needy praise your name.
22 Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm; kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa.
Arise, God. Plead your own cause. Remember how the foolish man mocks you all day.
23 Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so, wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.
Do not forget the voice of your adversaries. The tumult of those who rise up against you ascends continually.

< Nnwom 74 >