< Nnwom 73 >

1 Asaf dwom. Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.
A Psalm. Of Asaph. Truly, God is good to Israel, even to such as are clean in heart.
2 Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri; anka merehwere me nnyinasoɔ,
But as for me, my feet had almost gone from under me; I was near to slipping;
3 ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔ ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no.
Because of my envy of the men of pride, when I saw the well-being of the wrongdoers.
4 Wɔnhunuu ahokyere da; na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.
For they have no pain; their bodies are fat and strong.
5 Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so; ɔdasani haw biara nna wɔn so.
They are not in trouble as others are; they have no part in the unhappy fate of men.
6 Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ, na wɔde akakabensɛm afira.
For this reason pride is round them like a chain; they are clothed with violent behaviour as with a robe.
7 Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie; na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.
Their eyes are bursting with fat; they have more than their heart's desire.
8 Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ; wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.
Their thoughts are deep with evil designs; their talk from their seats of power is of cruel acts.
9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm, na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.
Their mouth goes up to heaven; their tongues go walking through the earth.
10 Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛn na wonya nsuo bebree nom.
For this reason they are full of bread; and water is ever flowing for them.
11 Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu? Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?”
And they say, How will the Lord see this? is there knowledge in the Most High?
12 Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ, hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ.
Truly, such are the sinners; they do well at all times, and their wealth is increased.
13 Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu; me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa.
As for me, I have made my heart clean to no purpose, washing my hands in righteousness;
14 Ɛda mu nyinaa mehunu amane; anɔpa biara wɔtwe mʼaso.
For I have been troubled all the day; every morning have I undergone punishment.
15 Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a, anka medii wo mma no hwammɔ.
If I would make clear what it is like, I would say, You are false to the generation of your children.
16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase, nanso na ɛhyɛ me so
When my thoughts were turned to see the reason of this, it was a weariness in my eyes;
17 kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ; ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.
Till I went into God's holy place, and saw the end of the evil-doers.
18 Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro. Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.
You put their feet where there was danger of slipping, so that they go down into destruction.
19 Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ, na ehu hwim wɔn kɔ no,
How suddenly are they wasted! fears are the cause of their destruction.
20 ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ, Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a, wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ.
As a dream when one is awake, they are ended; they are like an image gone out of mind when sleep is over.
21 Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu na me sunsum dii yea no,
My heart was made bitter, and I was pained by the bite of grief:
22 meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene; meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim.
As for me, I was foolish, and without knowledge; I was like a beast before you.
23 Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara; na wode wo nsa nifa asɔ me mu.
But still I am ever with you; you have taken me by my right hand.
24 Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan; na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.
Your wisdom will be my guide, and later you will put me in a place of honour.
25 Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho? Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.
Whom have I in heaven but you? and having you I have no desire for anything on earth.
26 Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ, nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden ne me kyɛfa daa nyinaa.
My flesh and my heart are wasting away: but God is the Rock of my heart and my eternal heritage.
27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera. Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.
For those who are far away from you will come to destruction: you will put an end to all those who have not kept faith with you.
28 Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn. Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea; mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.
But it is good for me to come near to God: I have put my faith in the Lord God, so that I may make clear all his works.

< Nnwom 73 >