< Nnwom 71 >

1 Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta; mma mʼanim ngu ase da.
In You, O LORD, I have taken refuge; let me never be put to shame.
2 Wo tenenee no enti, yi me na gye me; tie me na gye me nkwa.
In Your justice, rescue and deliver me; incline Your ear and save me.
3 Yɛ me nkwagyeɛ botan faako a mɛtumi akɔ daa; hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa, na wo ne me botan ne mʼaban.
Be my rock of refuge, where I can always go. Give the command to save me, for You are my rock and my fortress.
4 Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam, gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.
Deliver me, O my God, from the hand of the wicked, from the grasp of the unjust and ruthless.
5 Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade, mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.
For You are my hope, O Lord GOD, my confidence from my youth.
6 Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so; wo na woyii me firii me maame yafunu mu. Mɛkamfo wo daa.
I have leaned on You since birth; You pulled me from my mother’s womb. My praise is always for You.
7 Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree, nanso wo ne me dwanekɔbea denden.
I have become a portent to many, but You are my strong refuge.
8 Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma, mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.
My mouth is filled with Your praise and with Your splendor all day long.
9 Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa; mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.
Do not discard me in my old age; do not forsake me when my strength fails.
10 Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia me wɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.
For my enemies speak against me, and those who lie in wait for my life conspire,
11 Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu; momma yɛnti no na yɛnkyere no, na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.”
saying, “God has forsaken him; pursue him and seize him, for there is no one to rescue him.”
12 Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri; Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.
Be not far from me, O God. Hurry, O my God, to help me.
13 Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu; wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me no ma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so.
May the accusers of my soul be ashamed and consumed; may those who seek my harm be covered with scorn and disgrace.
14 Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa; mɛkɔ so makamfo wo.
But I will always hope and will praise You more and more.
15 Mɛka wo tenenee ho asɛm, ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa, nanso mennim ano.
My mouth will declare Your righteousness and Your salvation all day long, though I cannot know their full measure.
16 Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no; mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.
I will enter in the strength of the Lord GOD; I will proclaim Your righteousness—Yours alone.
17 Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me, na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.
O God, You have taught me from my youth, and to this day I proclaim Your marvelous deeds.
18 Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a, Ao Onyankopɔn, nnya me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma, ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.
Even when I am old and gray, do not forsake me, O God, until I proclaim Your power to the next generation, Your might to all who are to come.
19 Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro, wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ. Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?
Your righteousness reaches to the heavens, O God, You who have done great things. Who, O God, is like You?
20 Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea; nanso wobɛma me nkwa bio; na wobɛyi me bio afiri asase ase.
Though You have shown me many troubles and misfortunes, You will revive me once again. Even from the depths of the earth You will bring me back up.
21 Wobɛhyɛ me animuonyam bebree na woakyekye me werɛ bio.
You will increase my honor and comfort me once again.
22 Mede sankuo bɛkamfo wo Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so Ao Israel Kronkronni.
So I will praise You with the harp for Your faithfulness, O my God; I will sing praise to You with the lyre, O Holy One of Israel.
23 Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteam ɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ, me a woagye me no.
When I sing praise to You my lips will shout for joy, along with my soul, which You have redeemed.
24 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwuma da mu nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no kɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu.
My tongue will indeed proclaim Your righteousness all day long, for those who seek my harm are disgraced and confounded.

< Nnwom 71 >