< Nnwom 70 >

1 Dawid adesrɛ dwom. Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.
Dawid adesrɛ dwom. Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Awurade bra ntɛm bɛboa me.
2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi.
3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.
Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”
5 Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.
Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase.

< Nnwom 70 >