< Nnwom 70 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid adesrɛ dwom. Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.
למנצח לדוד להזכיר אלהים להצילני יהוה לעזרתי חושה
2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
יבשו ויחפרו מבקשי נפשי יסגו אחור ויכלמו חפצי רעתי
3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.
ישובו על-עקב בשתם-- האמרים האח האח
4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”
ישישו וישמחו בך-- כל-מבקשיך ויאמרו תמיד יגדל אלהים-- אהבי ישועתך
5 Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.
ואני עני ואביון-- אלהים חושה-לי עזרי ומפלטי אתה יהוה אל-תאחר

< Nnwom 70 >