< Nnwom 7 >

1 Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade. Ao, Awurade me Onyankopɔn, medwane metoa wo; Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,
A meditation by David, which he sang to Yahweh, concerning the words of Cush, the Benjamite. Yahweh, my God, I take refuge in you. Save me from all those who pursue me, and deliver me,
2 anyɛ saa a wɔbɛtete me mu sɛ gyata na wɔatete me mu asinasini a obiara rentumi nnye me.
lest they tear apart my soul like a lion, ripping it in pieces, while there is no one to deliver.
3 Ao, Awurade me Onyankopɔn, sɛ mayɛ yei na sɛ afɔdie aba me so a,
Yahweh, my God, if I have done this, if there is iniquity in my hands,
4 sɛ mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,
if I have rewarded evil to him who was at peace with me (yes, I have plundered him who without cause was my adversary),
5 ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me; ma wɔntiatia me so wɔ fam na wɔmma me funu nna mfuturo mu.
let the enemy pursue my soul, and overtake it; yes, let him tread my life down to the earth, and lay my glory in the dust. (Selah)
6 Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade! Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo. Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.
Arise, Yahweh, in your anger. Lift up yourself against the rage of my adversaries. Awake for me. You have commanded judgment.
7 Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia. Firi soro hɔ di wɔn so;
Let the congregation of the peoples surround you. Rule over them on high.
8 ma Awurade mmu nnipa no atɛn. Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ, sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.
Yahweh administers judgment to the peoples. Judge me, Yahweh, according to my righteousness, and to my integrity that is in me.
9 Ao Onyankopɔn teneneeni, wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu, fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ na ma ateneneefoɔ nya banbɔ.
Oh let the wickedness of the wicked come to an end, but establish the righteous; their minds and hearts are searched by the righteous God.
10 Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.
My shield is with God, who saves the upright in heart.
11 Onyankopɔn yɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.
God is a righteous judge, yes, a God who has indignation every day.
12 Sɛ wansesa nʼadwene a, ɔbɛse nʼakofena ano; ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.
If a man doesn’t repent, he will sharpen his sword; he has bent and strung his bow.
13 Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ; ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.
He has also prepared for himself the instruments of death. He makes ready his flaming arrows.
14 Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.
Behold, he travails with iniquity. Yes, he has conceived mischief, and brought out falsehood.
15 Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no hwe tokuro a watu no mu.
He has dug a hole, and has fallen into the pit which he made.
16 Ɔhaw a ɔde ba no dane bɔ nʼankasa so; ne basabasayɛ bɔ nʼankasa tiri so.
The trouble he causes shall return to his own head. His violence shall come down on the crown of his own head.
17 Mede aseda bɛma Awurade ne tenenee enti na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.
I will give thanks to Yahweh according to his righteousness, and will sing praise to the name of Yahweh Most High.

< Nnwom 7 >