< Nnwom 69 >

1 Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, gye me nkwa na nsuo no abɛdeda me kɔn mu.
Save me, O God; for the waters are come in to my soul.
2 Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu, wɔ baabi a me nan nnya siberɛ. Maduru subunu mu na nsuo abu afa me so.
I sink in deep mire, where there is no standing: I am come into deep waters, where the floods overflow me.
3 Mafrɛ mabrɛ sɛ mepɛ mmoa. Me mene mu awe. Mʼani so ayɛ kusuu, na merehwehwɛ me Onyankopɔn.
I am weary of my crying: my throat is dried: my eyes fail while I wait for my God.
4 Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso sene me tiri so nwi; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no. Wɔhyɛ me sɛ mennane deɛ menwiaaɛ no mma.
They that hate me without a cause are more than the hairs of my head: they that would destroy me, being my enemies wrongfully, are mighty: then I restored that which I took not away.
5 Ao Onyankopɔn, wonim me kwasea a mayɛ; mʼafɔdie nhintaa wo.
O God, you know my foolishness; and my sins are not hid from you.
6 Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no anim ngu ase ɛsiane me enti, Ao Awurade, Asafo Awurade; mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no anim ngu ase me enti, Ao Israel Onyankopɔn.
Let not them that wait on you, O Lord GOD of hosts, be ashamed for my sake: let not those that seek you be confounded for my sake, O God of Israel.
7 Wo enti wobu me animtiaa, na aniwuo akata mʼanim.
Because for your sake I have borne reproach; shame has covered my face.
8 Mete sɛ ɔhɔhoɔ wɔ me nuanom mu, mete sɛ ɔmamfrani wɔ me maame mmammarima mu,
I am become a stranger to my brothers, and an alien to my mother’s children.
9 na wo fie ho mmɔdemmɔ hyɛ me so, wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiabuo abɛda me so.
For the zeal of your house has eaten me up; and the reproaches of them that reproached you are fallen on me.
10 Sɛ metwa adwo na medi mmuada a wɔbɔ me ahohora;
When I wept, and chastened my soul with fasting, that was to my reproach.
11 sɛ mefira ayitoma a nnipa de me yɛ aseredeɛ.
I made sackcloth also my garment; and I became a proverb to them.
12 Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me, na akɔwensafoɔ de me din to dwom.
They that sit in the gate speak against me; and I was the song of the drunkards.
13 Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade, wɔ wʼadom berɛ mu; wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn, fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.
But as for me, my prayer is to you, O LORD, in an acceptable time: O God, in the multitude of your mercy hear me, in the truth of your salvation.
14 Yi me firi atɛkyɛ no mu, mma memmem wɔ mu; gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam, ne nsu bunu mu.
Deliver me out of the mire, and let me not sink: let me be delivered from them that hate me, and out of the deep waters.
15 Mma nsuo nnyiri mfa me anaa ebunu mmene me anaa amena nkata me so.
Let not the flood overflow me, neither let the deep swallow me up, and let not the pit shut her mouth on me.
16 Ao Awurade, gye me so firi wʼadɔeɛ a ɛyɛ no mu; wʼadom enti, dane bɛhwɛ me.
Hear me, O LORD; for your loving kindness is good: turn to me according to the multitude of your tender mercies.
17 Mfa wʼanim nhinta wo ɔsomfoɔ; gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
And hide not your face from your servant; for I am in trouble: hear me speedily.
18 Twi bɛn me na gye me; gye me nkwa, mʼatamfoɔ enti.
Draw near to my soul, and redeem it: deliver me because of my enemies.
19 Wonim sɛdeɛ wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wɔtiatia mʼanim; wʼani tua mʼatamfoɔ nyinaa.
You have known my reproach, and my shame, and my dishonor: my adversaries are all before you.
20 Kasatia ahyɛ mʼakoma so ama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ; mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi, mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.
Reproach has broken my heart; and I am full of heaviness: and I looked for some to take pity, but there was none; and for comforters, but I found none.
21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduane mu, osukɔm dee me no, wɔmaa me nsã nwononwono.
They gave me also gall for my meat; and in my thirst they gave me vinegar to drink.
22 Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyi wɔn sɛ afidie; ma ɛnyɛ akatua ne afidie mma wɔn.
Let their table become a snare before them: and that which should have been for their welfare, let it become a trap.
23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔn akyi nkuntunu afebɔɔ.
Let their eyes be darkened, that they see not; and make their loins continually to shake.
24 Hwie wʼabufuhyeɛ gu wɔn so; na ma wʼabofuo huuhuuhu no mmra wɔn so.
Pour out your indignation on them, and let your wrathful anger take hold of them.
25 Ma wɔn atenaeɛ nyɛ amamfo; mma obiara ntena wɔn ntomadan mu.
Let their habitation be desolate; and let none dwell in their tents.
26 Wɔtaa wɔn a wopira wɔn no, wɔka wɔn a wopira wɔn no amanehunu ho asɛm.
For they persecute him whom you have smitten; and they talk to the grief of those whom you have wounded.
27 Fa amumuyɛ mu amumuyɛ ho soboɔ bɔ wɔn; mma wɔnnya wo nkwagyeɛ mu kyɛfa.
Add iniquity to their iniquity: and let them not come into your righteousness.
28 Pepa wɔn din firi nkwa nwoma no mu, mfa wɔn din nka ateneneefoɔ deɛ ho.
Let them be blotted out of the book of the living, and not be written with the righteous.
29 Mewɔ ɔyea ne ahohiahia mu; Ao Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ no mmɔ me ho ban.
But I am poor and sorrowful: let your salvation, O God, set me up on high.
30 Mede dwomtoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ na mede aseda ahyɛ no animuonyam.
I will praise the name of God with a song, and will magnify him with thanksgiving.
31 Yei bɛsɔ Awurade ani yie asene nantwie, asene nantwinini a ɔtua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
This also shall please the LORD better than an ox or bullock that has horns and hoofs.
32 Mmɔborɔni bɛhunu na nʼani agye, mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no akoma bɛnya nkwa.
The humble shall see this, and be glad: and your heart shall live that seek God.
33 Awurade tie wɔn a adeɛ ahia wɔn, na ɔmmu ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ animtiaa.
For the LORD hears the poor, and despises not his prisoners.
34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no, ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
Let the heaven and earth praise him, the seas, and every thing that moves therein.
35 ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwa na wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio. Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea;
For God will save Zion, and will build the cities of Judah: that they may dwell there, and have it in possession.
36 Nʼasomfoɔ asefoɔ na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
The seed also of his servants shall inherit it: and they that love his name shall dwell therein.

< Nnwom 69 >