< Nnwom 68 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ma Onyankopɔn nsɔre, na nʼatamfoɔ mmɔ mpete; wɔn a wɔtane noɔ no nnwane mfiri nʼanim.
For the Leader. A Psalm of David, a Song. Let God arise, let His enemies be scattered; and let them that hate Him flee before Him.
2 Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no, saa ara na bɔ wɔn gu; sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no, saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.
As smoke is driven away, so drive them away; as wax melteth before the fire, so let the wicked perish at the presence of God.
3 Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnye na wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim; ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.
But let the righteous be glad, let them exult before God; yea, let them rejoice with gladness.
4 To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ. Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so. Ne din ne Awurade; ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
Sing unto God, sing praises to His name; extol Him that rideth upon the skies, whose name is the LORD; and exult ye before Him.
5 Nwisiaa agya ne deɛ ɔdi akunafoɔ asɛm ma wɔn ne Onyankopɔn a ɔte nʼatenaeɛ kronkron hɔ.
A father of the fatherless, and a judge of the widows, is God in His holy habitation.
6 Ɔma onnibie tena mmusua mu, na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho; na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.
God maketh the solitary to dwell in a house; He bringeth out the prisoners into prosperity; the rebellious dwell but in a parched land.
7 Ao Onyankopɔn, ɛberɛ a wodii wo nkurɔfoɔ anim, ɛberɛ a wode wɔn faa ɛserɛ so no,
O God, when Thou wentest forth before Thy people, when Thou didst march through the wilderness; (Selah)
8 asase wosoeɛ, na ɔsoro tuee osuo guu fam, wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no, Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.
The earth trembled, the heavens also dropped at the presence of God; even yon Sinai trembled at the presence of God, the God of Israel.
9 Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn, guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm.
A bounteous rain didst Thou pour down, O God; when Thine inheritance was weary, Thou didst confirm it.
10 Wo nkurɔfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ so. Ao Onyankopɔn, wonam wʼadɔeɛ bebree no mu hwɛɛ ahiafoɔ.
Thy flock settled therein; Thou didst prepare in Thy goodness for the poor, O God.
11 Awurade kaa asɛm no, na dodoɔ no ara ne wɔn a wɔpaee mu kaeɛ;
The Lord giveth the word; the women that proclaim the tidings are a great host.
12 “Ahemfo ne wɔn asraafoɔ dwane ntɛm so; na mmaa kyɛ afodeɛ no.
Kings of armies flee, they flee; and she that tarrieth at home divideth the spoil.
13 Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no, wɔnya afodeɛ no bi. Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.”
When ye lie among the sheepfolds, the wings of the dove are covered with silver, and her pinions with the shimmer of gold.
14 Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no, na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.
When the Almighty scattereth kings therein, it snoweth in Zalmon.
15 Basan mmepɔ gyinagyina hɔ, Basan mmepɔ so yɛ mmɔnkyi mmɔnka.
A mountain of God is the mountain of Bashan; a mountain of peaks is the mountain of Bashan.
16 Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene, baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
Why look ye askance, ye mountains of peaks, at the mountain which God hath desired for His abode? Yea, the LORD will dwell therein for ever.
17 Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpem ne ɔpepem mpem mpem; Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.
The chariots of God are myriads, even thousands upon thousands; the Lord is among them, as in Sinai, in holiness.
18 Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no, wode nnommumfoɔ kaa wo ho; wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ, firii atuatefoɔ hɔ mpo, sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn.
Thou hast ascended on high, Thou hast led captivity captive; Thou hast received gifts among men, yea, among the rebellious also, that the LORD God might dwell there.
19 Ayɛyie nka Awurade Onyankopɔn, yɛn Agyenkwa, deɛ ɔsoa yɛn nnesoa da biara no.
Blessed be the Lord, day by day He beareth our burden, even the God who is our salvation. (Selah)
20 Yɛn Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn a ɔgye nkwa; na Awurade na ɔgye yɛn firi owuo mu.
God is unto us a God of deliverances; and unto GOD the Lord belong the issues of death.
21 Ampa ara, Onyankopɔn bɛyam nʼatamfoɔ ti, wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne no.
Surely God will smite through the head of His enemies, the hairy scalp of him that goeth about in his guiltiness.
22 Awurade ka sɛ, “Mede wɔn bɛfiri Basan aba; mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,
The Lord said: 'I will bring back from Bashan, I will bring them back from the depths of the sea;
23 na moanante wɔn a wɔkyiri moɔ no mogya mu na mo nkraman tɛkrɛma anya wɔn kyɛfa.”
That thy foot may wade through blood, that the tongue of thy dogs may have its portion from thine enemies.'
24 Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no, me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
They see Thy goings, O God, even the goings of my God, my King, in holiness.
25 Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so, na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho.
The singers go before, the minstrels follow after, in the midst of damsels playing upon timbrels.
26 Monkamfo Onyankopɔn wɔ asafo kɛseɛ no mu; monkamfo Awurade wɔ Israel nipakuo no mu.
'Bless ye God in full assemblies, even the Lord, ye that are from the fountain of Israel.'
27 Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan, Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so, na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
There is Benjamin, the youngest, ruling them, the princes of Judah their council, the princes of Zebulun, the princes of Naphtali.
28 Kyerɛ wo tumi, Onyankopɔn; da wʼahoɔden adi kyerɛ yɛn, sɛdeɛ woayɛ pɛn no.
Thy God hath commanded thy strength; be strong, O God, Thou that hast wrought for us
29 Wʼasɔredan a ɛwɔ Yerusalem enti ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.
Out of Thy temple at Jerusalem, whither kings shall bring presents unto Thee.
30 Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim, ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no. Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba. Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
Rebuke the wild beast of the reeds, the multitude of the bulls, with the calves of the peoples, every one submitting himself with pieces of silver; He hath scattered the peoples that delight in war!
31 Ananmusifoɔ bɛfiri Misraim aba, na Kus de ne ho bɛma Onyankopɔn.
Nobles shall come out of Egypt; Ethiopia shall hasten to stretch out her hands unto God.
32 Ao ewiase ahennie, monto dwom mma Onyankopɔn, monto ayɛyi dwom mma Awurade,
Sing unto God, ye kingdoms of the earth; O sing praises unto the Lord; (Selah)
33 monto mma deɛ ɔte tete soro soro so no, na ɔde nne kɛseɛ bobɔ mu no.
To Him that rideth upon the heavens of heavens, which are of old; lo, He uttereth His voice, a mighty voice.
34 Mompae mu nka Onyankopɔn tumi, deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no, na ne tumi wɔ soro soro no.
Ascribe ye strength unto God; His majesty is over Israel, and His strength is in the skies.
35 Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. Ayɛyie nka Onyankopɔn!
Awful is God out of thy holy places; the God of Israel, He giveth strength and power unto the people; blessed be God.

< Nnwom 68 >