< Nnwom 67 >
1 Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
Dwom. Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,
2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.
na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu.
3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.
4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.
5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!
6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.
Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn.
7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo.