< Nnwom 66 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Asase nyinaa momfa ahosɛpɛ nteam mma Onyankopɔn!
MAKE a joyful noise unto God, all ye lands:
2 Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!
Sing forth the honour of his name: make his praise glorious.
3 Monse Onyankopɔn sɛ, “Wo nneyɛɛ yɛ nwanwa wo tumi so na wʼatamfoɔ nyinaa de suro koto wʼanim.
Say unto God, How terrible art thou in thy works! through the greatness of thy power shall thine enemies submit themselves unto thee.
4 Asase nyinaa koto wo; wɔto ayɛyi dwom ma wo, wɔto dwom kamfo wo din.”
All the earth shall worship thee, and shall sing unto thee; they shall sing to thy name. (Selah)
5 Mommra mmɛhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ; anwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.
Come and see the works of God: he is terrible in his doing toward the children of men.
6 Ɔmaa ɛpo yɛɛ asase kesee; wɔnante twaa asuo no. Mommra na yɛnni ahurisie wɔ ne mu.
He turned the sea into dry land: they went through the flood on foot: there did we rejoice in him.
7 Ɔde ne tumi di ɔhene daa daa, na ɔde nʼani nso hwɛ aman so. Mma atuatefoɔ nsɔre ntia no.
He ruleth by his power for ever; his eyes behold the nations: let not the rebellious exalt themselves. (Selah)
8 Ao aman nyinaa, monhyira yɛn Onyankopɔn, momma wɔnte mo nkamfo no nnyegyeɛ.
O bless our God, ye people, and make the voice of his praise to be heard:
9 Wahwɛ yɛn nkwa so na wamma yɛn nan anwatiri.
Which holdeth our soul in life, and suffereth not our feet to be moved.
10 Na wo, Ao Onyankopɔn, wosɔɔ yɛn hwɛeɛ; na wohoaa yɛn ho sɛ dwetɛ.
For thou, O God, hast proved us: thou hast tried us, as silver is tried.
11 Wode yɛn kɔguu nneduadan mu na wode nneɛma a ɛyɛ duru too yɛn akyi.
Thou broughtest us into the net; thou laidst affliction upon our loins.
12 Womaa yɛn atamfoɔ twi faa yɛn so; yɛfaa ogya ne nsuo mu, nanso wode yɛn baa baabi a nnepa abu so.
Thou hast caused men to ride over our heads; we went through fire and through water: but thou broughtest us out into a wealthy place.
13 Mede ɔhyeɛ afɔdeɛ bɛba wʼasɔredan mu na madi ɛbɔ a mahyɛ wo no so,
I will go into thy house with burnt offerings: I will pay thee my vows,
14 ɛbɔ a mʼano fafa hyɛeɛ na mʼano kaaeɛ ɛberɛ a na mewɔ ɔhaw mu no.
Which my lips have uttered, and my mouth hath spoken, when I was in trouble.
15 Mede mmoa a wɔadɔ sradeɛ bɛbɔ afɔdeɛ ama wo nnwennini ayɛyɛdeɛ; mede anantwinini ne mpapo bɛbɔ afɔdeɛ.
I will offer unto thee burnt sacrifices of fatlings, with the incense of rams; I will offer bullocks with goats. (Selah)
16 Mommra mmɛtie, mo a mosuro Onyankopɔn nyinaa; momma menka deɛ wayɛ ama me nkyerɛ mo.
Come and hear, all ye that fear God, and I will declare what he hath done for my soul.
17 Mede mʼano su frɛɛ no; na me tɛkrɛma yii no ayɛ.
I cried unto him with my mouth, and he was extolled with my tongue.
18 Sɛ mede bɔne hyɛɛ mʼakomam a, anka Awurade antie me.
If I regard iniquity in my heart, the Lord will not hear me:
19 Nanso, nokorɛm, Onyankopɔn atie me, wate me mpaeɛbɔ.
But verily God hath heard me; he hath attended to the voice of my prayer.
20 Nhyira nka Onyankopɔn, a wampo me mpaeɛbɔ na wanyi nʼadɔeɛ amfiri me so.
Blessed be God, which hath not turned away my prayer, nor his mercy from me.

< Nnwom 66 >