< Nnwom 65 >

1 Dawid dwom. Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo wɔ Sion, na yɛbɛdi yɛn bɔ a yɛahyɛ wo no so.
“To the chief musician, a psalm [and] song of David.” For thee praise is waiting, O God, in Zion: and unto thee shall vows be paid.
2 Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.
O thou that hearest prayer, unto thee all flesh shall come.
3 Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no, wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.
The iniquitous things have become too mighty for me: our transgressions—these wilt thou wipe away.
4 Nhyira nka wɔn a woyi wɔn ma wɔbɛn wo sɛ wɔntena wʼadihɔ hɔ! Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma, deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.
Happy is he whom thou choosest, and causest to approach, that he may dwell in thy courts: let us be satisfied with the happiness of thy house, the holiness of thy temple.
5 Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ, Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa. Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ ne ɛpo so akyirikyiri nso.
With terrific deeds in righteousness wilt thou answer us, O God of our salvation, who art the confidence of all the ends of the earth, and of the sea, that are far away;
6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ de daa wʼahoɔden adi.
Who setteth firmly the mountains by his power, who is girded with might;
7 Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ, asorɔkye no a ɛbobɔ ne amanaman no hooyɛ.
Who assuageth the roaring of the seas, the roaring of their waves, and the tumult of nations.
8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ. Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ, wofrɛ ahurisie nnwom wɔ hɔ.
And they that dwell in the uttermost parts are afraid of thy wondrous signs: the outgoings of the morning and evening thou causest to rejoice.
9 Wohwɛ asase no gugu so nsuo; woma no yɛ asase pa ma ɛboro so. Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane. Sɛdeɛ woayɛ no nie.
Thou hast thought of the earth, and waterest her abundantly; thou greatly enrichest her; the brook of God is full of water: thou preparest their corn, when thou hast thus prepared her.
10 Wofɔɔ deɛ woafuntum hɔ fɔkyee na wokaa nkofie no sram so; wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ na wohyiraa ɛso afifideɛ.
Watering her furrows abundantly, smoothing down her ridges, thou softenest her with showers; thou blessest her growth.
11 Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no, na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.
Thou hast crowned the year of thy goodness; and thy tracks drop fatness:
12 Ɛserɛ so wira dɔɔso na anigyeɛ baa nkokoɔ so.
The pastures of the wilderness are dropping [with plenty]: and the hills are girt with gladness.
13 Nnwankuo ahyɛ adidibea hɔ ma na ayuo akata mmɔnhwa no so; wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.
The meadows are clothed with flocks, and the valleys are enveloped with corn: men shout for joy, [yea, ] they also sing.

< Nnwom 65 >