< Nnwom 64 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.
伶長にうたはしめたるダビデのうた 神よわがなげくときわが聲をききたまへ わが生命をまもりて仇のおそれより脱かれしめたまへ
2 Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.
ねがはくは汝われをかくして惡をなすものの陰かなる謀略よりまぬかれしめ不義をおこなふものの喧嘩よりまぬかれしめ給へ
3 Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo.
かれらは劍のごとくおのが舌をとぎ その弓をはり矢をつがへるごとく苦言をはなち隠れたるところにて全者を射んとす俄かにこれを射ておそるることなし
4 Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.
また彼此にあしき企圖をはげまし共にはかりてひそかに羂をまうく 斯ていふ誰かわれらを見んと
5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”
かれらはさまざまの不義をたづねいだして云われらは懇ろにたづね終れりと おのおのの衷のおもひと心とはふかし
6 Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.
7 Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.
然はあれど神は矢にてかれらを射たまふべし かれらは俄かに傷をうけん
8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.
斯てかれらの舌は其身にさからふがゆゑに遂にかれらは蹟かん これを見るものみな逃れさるべし
9 Adasamma nyinaa bɛsuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusu deɛ wayɛ ho.
もろもろの人はおそれん而して神のみわざをのべつたへ その作たまへることを考ふべし
10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!
義者はヱホバをよろこびて之によりたのまん すべて心のなほきものは皆ほこることを得ん

< Nnwom 64 >