< Nnwom 64 >

1 Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho. 2 Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho. 3 Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo. 4 Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro. 5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?” 6 Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire. 7 Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ. 8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so. 9 Adasamma nyinaa bɛsuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusu deɛ wayɛ ho. 10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ!

< Nnwom 64 >